1 Samuel 17 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Dawid kum Goliat

1Na Filistifoɔ boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔrebɛdi ako, na wɔbɛboaa wɔn ano Soko a ɛyɛ Yuda dea no, na wɔbɛkyeree nsraban Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-damim.

2Na Saulo ne Israel mmarima boaboaa wɔn ano na wɔkɔkyeree nsraban Ela bonhwa mu, na wɔtwitwaa mpasua sɛ wɔne Filistifoɔ rehyia akɔko.

3Na Filistifoɔ gyina bepɔ so ɔfa ha, na Israel nso gyina bepɔ so ɔfa ha, na bonhwa da wɔn ntam.

4 ne Ekron apono akyi. Na Filistifoɔ apirafoɔ no totɔɔ Saaraim kwan so de kɔduruu Gat ne Ekron.

53Na Israelfoɔ no sane firii Filistifoɔ no akyiridie ne pamo denden no mu, na wɔbɛfomm wɔn nsraban no faeɛ.

54Na Dawid faa Filistini no ti, na ɔde baa Yerusalem; na n’akodeɛ deɛ, ɔde guu ne ntomadan mu.

55 1 Sa 14.50 Na Saulo hunuu Dawid sɛ ɔrefiri adi akɔhyia Filistini no no, ɔka kyerɛɛ ne safohene Abner sɛ: Abner, hwan ba ne aberanteɛ yi? Na Abner se: Ɔhene, sɛ wo kra te aseɛ yi, mennim.

56Na ɔhene se: Wo deɛ, bisa onii ko a ne ba ne akwankwaa yi.

57Na Dawid firi Filistini no kum resane aba no, Abner faa no de no baa Saulo anim, na Filistini no tiri no kura ne nsam.

58Na Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Aberanteɛ, hwan ba ne wo? Na Dawid buaa sɛ: W’akoa Yisai, Betlehemni no ba ne me.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help