1Wɔahiahia me ho pii firi me mmɔfraase,
ma Israel nka ɛ,
2wɔahiahia me ho pii firi me mmɔfraase,
nanso wɔantumi me.
3 Yes 50.6; 51.23 Fɛntɛmfoɔ afɛntɛm m’akyi,
wɔama wɔn aka awoware.
4Nanso AWURADE tene,
watwitwa abɔnefoɔ homa mu.
5Ma wɔn ani nwu
na wɔnsane wɔn akyi,
wɔn a wɔtane Sion nyinaa.
6Ma wɔnyɛ sɛ adan atifi wira
a ɛnnya mfefɛeɛ na ahyeɛ,
7ɛnhyɛ otwitwafoɔ nsa
anaa ɔkyekyerefoɔ basa mu ma,
8 Rut 2.4 na wɔn a wɔtwam mpo nka sɛ:
AWURADE nhyira mmra mo so no,
yɛhyira mo AWURADE din mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
