Sakaria 4 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Kaneadua ho anisoadehunu

1Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sane bae, ɔbɛnyanee me sɛ onipa a wɔnyane no firi ne nna mu,

2Yer 1.11, 13; Amos 8.2; Eks 25.31-40 na ɔbisaa me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu kaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ne ngo toa tae atifi, na ne nkanea nson wowɔ soɔ, adorobɛn nson nson wɔ hɔ ma atifi nkanea no.

3Na ngo nnua mmienu sisi hɔ, baako si ngo toa no nifa, na baako si ne benkum soɔ.

4Na mebua mesee ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom, me wura?

5Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no gyee so bisaa me sɛ: Wonnim adekodeɛ a yeinom yɛ? Na mese: Dabi, me wura.

6Na ɔbua see me sɛ: Yei ne AWURADE asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden soɔ, na mmom me honhom so, asafo AWURADE na ɔseɛ.

7Dwom 122.6 Hwan ne wo, bepɔ kɛseɛ? Wobɛdane asaseta wɔ Serubabel anim! Na ɔde atifi boɔ bɛfiri adi aba, na wɔabɔ so ose sɛ: Adom, adom mmra so.

8Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

9Esra 3.8; 6.14-16; Sak 2.9, 11 Serubabel nsa na ato efie yi fapem, na ne nsa ara na ɛbɛwie, na woahunu sɛ asafo AWURADE na asoma me mo nkyɛn.

10Hag 2.3; Sak 3.9 Na sɛ wɔbuu adwuma mfitiaseɛ ketewa yi animtia mpo a, wɔn ani bɛgye berɛ a wɔbɛhu kyirebennyɛ no wɔ Serubabel nsam. Na kaneadua nson a wo hunuiɛ no ne AWURADE ani a ɛdi akɔneaba asase nyinaa soɔ no.

11Na mebisaa no sɛ: Ɛdeɛn ne kaneadua no nifa ne ne benkum ngo nnua mmienu yi?

12Na mebuaa ne mprenu so see no sɛ: Ɛdeɛn ne ngo nnua no mman mmienu a ɛwowɔ sika ano mmienu a ɛhwie sika no ma no firi mu guo no ho yi?

13Na ɔbisaa me sɛ: Wonnim deɛ yeinom yɛ? Na mese: Dabi, me wura.

14Adi 11.4 Na ɔse: Yeinom ne nnipa mmienu a wɔasra wɔn ngo a wɔgyinagyina asase nyinaa wura no nkyɛn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help