Yesaia 25 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

AWURADE mmoa ho nkamfoɔ

1AWURADE, me Nyankopɔn ne wo,

mɛma wo so na makamfo wo din

sɛ woayɛ anwanwadeɛ;

tete nteredee agyinatuo atim ayɛ nokorɛ.

2Na woadane kuro nkunkumaboɔkuo,

woama abandenden ayɛ abansini;

ananafoɔ aban afɛfɛ nyɛ kuro bio,

na wɔrento bio da biara da.

3Enti ɔman a ɛyɛ den bɛhyɛ wo animuonyam,

amanaman ahoɔdenfoɔ kuro bɛsuro wo.

4 Yes 4.6; 30.28; 33.11 Na woayɛ aban a ɛyɛ den ama mmɔborɔni,

aban a ɛyɛ den ama ohiani, n’ahohia mu,

ahum ano dwanekɔbea, ahuhuro mu enwunu,

na atirimuɔdenfoɔ home ayɛ sɛ ahum ne osuo a ɛboro fasuo,

5Wobrɛɛ ananafoɔ hooyɛ ase

sɛ nkyɛkyerɛ so ahuhuro.

Nhyɛsofoɔ dwaeɛ dwom brɛɛ ase

sɛ mununkum nwunu ase ahuhuro.

Amanaman apontoɔ wɔ Sion bepɔ so

6 Dwom 22.26-29; Mat 22.2 Na asafo AWURADE bɛto aman nyinaa pono wɔ bepɔ yi so: Sradeduane, nsa a akyɛ, sradeɛ ne ekyim, nsa a wɔasɔne soɔ.

7Na bepɔ yi so na ɔbɛyi anim ntoma a ɛkataa aman nyinaa anim, ne akatasoɔ a ɛkataa amanaman nyinaa soɔ no.

81 Ko 15.55; Adi 7.17 Ɔbɛmene owuo akɔsi daa, na AWURADE Nyankopɔn bɛpepa ani nyinaa so nisuo, na wayi ne man ahohora afiri asase nyinaa so akɔ, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.

9 Dwom 48.14 Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani ada ne so sɛ ɔbɛgye yɛn no nie; AWURADE a yɛn ani daa ne soɔ no nie. Momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye ne nkwagyeɛ no mu.

10Na AWURADE nsa bɛsi bepɔ yi so na wɔbɛtiatia Moab so wɔ n’afa, sɛdeɛ wɔtiatia nwira dodoɔ soɔ wɔ sumina soɔ;

11na ɔbɛtrɛ ne nsam wɔ mu, sɛdeɛ osudwareni trɛ ne nsam dwareɛ no, na ɔbɛbrɛ n’ahantan ase, ɛne ne nsa adeyɛ no.

12Na n’afasuo a ɛyɛ den a ɛkorɔn no, ɔbɛbrɛ no ase adwiri agu fam, mfuturo mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help