Yesaia 36 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Sanaherib tua Yerusalem

1 2 Ah 18.13-37; 2 Be 32.1-19 Na ɛbaa sɛ Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so dunan mu no, Asiriahene Sanaherib tu baa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa so bɛfae.

2Na Asiriahene somaa Rabsake no firii Lakis baa Yerusalem Ɔhene Hesekia nkyɛn, na ɔde dɔm a emu yɛ duro bae; na ɔbɛgyinaa atifi tareɛ a ɛwɔ ntomasifoɔ asasewa tempɔn no soɔ no suka ho.

3Yes 22.20 Na Hilkia ba Eliakim a na ɔdi efie no soɔ, ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna, Asaf ba Ɔsɛnkafoɔ Yoa firii adi kɔɔ ne nkyɛn.

4 Yes 36.13 Na Rabsake no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔka nkyerɛ Hesekia sɛ: Sɛdeɛ ɔhenkɛseɛ, Asiriahene no seɛ nie: Ɛdeɛn koraa na wode wo ho to soɔ yi?

5Wosusu sɛ anosɛm hunu yɛ akodie ho nyansa ne mmaninyɛ? Na afei, hwan so na wode wo ho toɔ na woate me so atua yi?

6Hwɛ, wode wo ho ato Misraim so, demmire a abuo a sɛ obi twere no a ɛwɔ ne nsam hwire mu no: Saa na Misraimhene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.

7Na sɛ wose me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho toɔ a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔnbea ne n’afɔrebukyia, na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔrebukyia yi anim na monsɔreɛ no?

8Na afei, wo ne me wura, Asiriahene, nto nkyea ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpemmienu, sɛ wobɛtumi ama nnipa atenatena wɔn so anaa?

9Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ nti, wode wo ho akɔto Misraim soɔ yi, wobɛyɛ dɛn na woapam me wura nkoa nketewa yi mu safohene baako?

10Na afei, mekwatii AWURADE na mebaa asase yi so sɛ merebɛsɛe no anaa? AWURADE na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Tu kɔ asase yi so kɔsɛe no.

11Ɛnna Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake no sɛ: Yɛsrɛ wo, ɛne wo nkoa nkasa Aramaik kasa mu, na yɛn deɛ, yɛte, na nkasa Yuda kasa nkyerɛ yɛn, mma nkurɔfoɔ a wɔboa ɔfasuo soɔ no nnte.

12Na Rabsake no se: Me wura asoma me sɛ memmɛka nsɛm yi nkyerɛ wo wura ne wo, ne mpo mmarima a wɔtete ɔfasuo soɔ yi a, wɔadome wɔn sɛ wɔbɛdi wɔn ara wɔn sɛbeɛ na wɔbɛnom wɔn dwonsɔ sɛ mo.

13 Yes 36.4 Ɛnna Rabsake no gyinaeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu Yuda kasa mu sɛ: Montie ɔhenkɛseɛ, Asiriahene no asɛm!

14Sɛ ɔhene seɛ nie: Mommma Hesekia nnaadaa mo, na ɔrentumi nnye mo;

15nso mommma Hesekia mmma mommfa mo ho nnto AWURADE so sɛ: Gyeɛ ara na AWURADE bɛgye yɛn, wɔremfa kuro yi nhyɛ Asiriahene nsa.

161 Ah 4.25; Mika 4.4 Monntie Hesekia! Na sɛ Asiriahene seɛ nie: Mo ne me nni asomdwoeɛsɛm, na momfiri mmra me nkyɛn; ɛno na mo mu biara bɛdi ɔno ara ne bobe, ne ɔno ara ne borɔdɔma na wanom ɔno ara n’abura mu nsuo

17akɔsi sɛ mɛba mabɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi soɔ, ayuo ne nsa asase, aduane ne bobe nturo asase.

18Yes 10.10; 37.12 Na mommma Hesekia nnto mo tɛkyerɛmakyene sɛ: AWURADE bɛgye yɛn: Amanaman anyame mu biara agye n’asase afiri Asiriahene nsam pɛn anaa?

19Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Ɛhe na Sefarwaim anyame no wɔ, wɔagye Samaria afiri me nsam?

20Nsase yi anyame nyinaa mu hwannom na wɔagye wɔn asase afiri me nsam, na AWURADE rebɛgye Yerusalem afiri me nsam?

21Na wɔyɛɛ komm, na wɔammua no asɛm biara, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛeɛ ne sɛ: Mommmua no!

22Ɛnna Hilkia ba Eliakim a ɔdi efie no soɔ no, ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf ba Ɔsɛnkaefoɔ Yoa de wɔn ntadeɛ a wɔasusuane mu baa Hesekia nkyɛn bɛkaa Rabsake no nsɛm no kyerɛɛ no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help