Gyenesis 13 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Abram ne Lot di ntetemu

1Na Abram ne ne yere ne deɛ ɔwɔ nyinaa, ne Lot nso, firii Misraim baa Negeb.

2Mmb 10.12 Na Abram anya ne ho sɛ, mmoa, dwetɛ ne sika mu.

3Na ɔdii atutena firi Negeb kɔduruu Betel, deɛ akane na ne ntomadan sie no, wɔ Betel ne Ai ntam,

4Gye 12.8 deɛ afɔrebukyia a ɔsii kane no wɔ. Na Abram sɔree AWURADE wɔ hɔ.

5Na Lot nso a ɔne Abram nam no wɔ nnwan ne anantwie ne ntomadan.

6Na asase no nso mma wɔn sɛ wɔbɛtena faako, ɛfiri sɛ wɔn ahodeɛ dɔɔso sɛ, enti wɔantumi antena faako.

7Na akasakasa baa Abram mmoahwɛfoɔ ne Lot mmoahwɛfoɔ ntam. Na berɛ no mu na Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ tete asase no so.

8Dwom 133.1 Na Abram ka kyerɛɛ Lot sɛ: Mesrɛ wo, mma akasakasa mmma me ne wo ntam, ne me mmoahwɛfoɔ ne wo mmoahwɛfoɔ ntam, na yɛyɛ anuanom.

9Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda w’anim yi? Mesrɛ wo, twe wo ho firi me ho, sɛ wofa benkum a, mɛfa nifa, na sɛ wofa nifa a, mɛfa benkum.

10Na Lot maa n’ani so hwɛɛ Yordan kanko nyinaa de kɔsi Soar hunuu sɛ ne nyinaa so wɔ nsuo te sɛ AWURADE turo no, te sɛ Misraim, ansa na AWURADE resɛe Sodom ne Gomora no.

11Na Lot yii Yordan kanko no nyinaa, na ɔtu faa apueeɛ fam; na anuanom no dii mpaapaemu.

12Abram tenaa Kanaan asase so, na Lot deɛ, ɔtenaa Yordan kanko no nkuro mu, na ɔtutuu ne ntomadan ara de kɔduruu Sodom.

13Gye 18.20; 19.4-9 Nso na Sodomfoɔ yɛ atirimuɔdenfoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ kɛse, AWURADE anim.

Abram kɔtena Hebron

14Na Lot tee ne ho firii Abram ho no, AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Ma w’ani so, na firi deɛ wowɔ hɔ hwɛ atifi fam ne anafoɔ fam, apueeɛ ne atɔeɛ.

15Gye 12.7 Na asase a wohunu yi nyinaa, wo ne w’asefoɔ na mede bɛma mo daa.

16Gye 28.14; Num 23.10 Na mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ asase so mfuturo. Na sɛ obi tumi kan asase so mfuturo a, ɛnneɛ na ɔbɛtumi akan w’asefoɔ nso.

17Sɔre, fa asase no tentene ne ne tɛtrɛtɛ mu, na wo na mede bɛma woɔ.

18 Gye 14.13, 24 Na Abram tutuu ne ntomadan, na ɔbɛtenaa Mamre pɔ a ɛwɔ Hebron no ho, na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help