Yeremia NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)
NHYƐNMUOdiyifoɔ Yeremia tenaa ase firii afe ahanson awieeɛ de kɔsii afe ahansia ansa na wɔrewo Kristo. Mmerɛ tentene a ɔde kaa n’asɛm mu no, ɔbɔɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ kɔkɔ wɔ ɔhaw a na ɛrebɛto wɔn no ho, ɛsiane wɔn abosonsom ne wɔn nnebɔne nti. Nkɔmhyɛ yi baa mu ma ɔhunui, berɛ a ɔte aseɛ no. Saa berɛ no na Babelhene Nebukadnessar bɛfaa Yerusalem. Wɔsɛee kuro no ne Asɔredan no, na wɔfaa nkurɔfoɔ bebree kɔɔ nnommum mu wɔ Babel. Ɔno ara nso na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ nkurɔfoɔ no bɛfiri nnommum mu asan aba na wɔakyekyere ɔman no bio.Yeremia nwoma no wɔ nkyekyɛmu ahodoɔ: (1) Yeremia frɛ (2) Nkra a ɛfiri Onyankopɔn hɔ baa ɔman no nkyɛn wɔ saa ahemfo yi berɛ so; Yosia, Yehoiakim, Yehoiakyin ne Sedekia. (3) Nsɛm a ɛfiri Yeremia ne Ɔtwerɛfoɔ Baruk hɔ. Nkɔmhyɛ bebree a Yeremia hyɛeɛ ne nsɛm a ɛho hia a ɛsisiiɛ wɔ n’abrabɔ mu nso ka ho. (4) Nkra a ɛfiri AWURADE hɔ a ɛfa aman ahodoɔ no ho. (5) Abakɔsɛm nkekaho bi a ɛkyerɛ sɛdeɛ wɔfaa Yerusalem mufoɔ nnommum kɔɔ Babel.Odiyifoɔ Yeremia yɛ obi a na nsɛm ha no pii, na ɔdɔ ne nkurɔfoɔ nso. Enti wampɛ sɛ atemmuo bɛba wɔn so. Ɛsiane Onyankopɔn frɛ a ɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ odiyifoɔ no nti, ahokyere kɛseɛ no mu mpo, ɔyii ne yam kasa faa nnoɔma a ɛha no no ho. AWURADE asɛm yɛɛ te sɛ ogya wɔ ne mu a, wantumi amfa ansie.Nsɛm akɛseɛ a ɛwɔ Yeremia nwoma no mu bi ka nsɛm a ansisi wɔ n’ahohiahia berɛ no mu, na mmom ɛtra ka nsɛm a ɛsisii ansa na wɔreyɛ Apam Foforɔ. Apam a Onyankopɔn nkurɔfoɔ ankasa firi wɔn pɛ mu bɛdi so a, wɔnhia ɔkyerɛkyerɛfoɔ a ɔbɛkae wɔn, ɛsiane sɛ wɔatwerɛ wɔ wɔn akoma soɔ nti (31.31-34).EMU NSƐMWɔfrɛ Yeremia 1.1-19Nkɔmhyɛ a ɔhyɛ wɔ Yosia, Yehoiakim, Yehoiakyin ne Sedekia berɛ soɔ no 2.1—25.38Nsɛm a ɛsisi wɔ Yeremia abrabɔ mu 26.1—45.5Nkɔm a ɔhyɛ tia amanaman no 46.1—51.64Yerusalem asehweɛ 52.1-34