Yakobo NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)
NHYƐNMUKrataa a ɛfiri Yakobo hɔ no yɛ nhyehyɛɛ a wɔde yɛ adwuma a wɔaboaboa ano. Ɔtwerɛ de ma “Onyankopɔn nkurɔfoɔ a wɔabɔ ahweteɛ wɔ asase so nyinaa”. Ɔtwerɛfoɔ no nam kasakoa a emu da hɔ so kyerɛ nyansa akwankyerɛ a ɛfa Kristosom su ne nneyɛɛ ho. Ɔhwɛ nnoɔma bi firi sɛdeɛ Kristosom adwene yɛ wɔn wɔ ahonya ne ohia, sɔhwɛ, suban pa, adwenehunu a wɔnya tia afoforɔ, gyidie ne nnwuma, sɛdeɛ wɔde tɛkyerɛma yɛ adwuma, nyansa, ntɔkwapɛ, ahantan ne ahobrɛaseɛ, atemmuo a wɔde bu afoforɔ, ahohoahoa, ntoboaseɛ ne mpaebɔ ho.Krataa no si hia a ɛhia sɛ wɔde nnwuma bata gyidie ho, ne deɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ adwuma wɔ Kristosom mu so dua.EMU NSƐMAhyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1Gyidie ne nyansa 1.2-8Ohia ne ahonya 1.9-11Nsɔhwɛ ne sɔhwɛ 1.12-18Ɔsetie ne ɔyɛ 1.19-27Nyiyimu ho kɔkɔbɔ 2.1-13Gyidie ne nnwuma 2.14-26Kristoni ne ne tɛkyerɛma 3.1-18Kristoni ne wiase 4.1—5.6Nhyehyɛɛ ahodoɔ 5.7-20