Nnwom 17 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Mmoa ho adesrɛDawid mpaebɔ.

1O AWURADE, tie asɛntenenee, wɛn w’aso ma m’abooboo,

yɛ aso ma me mpaebɔ a ɛmfiri nnaadaa anofafa mu.

2 Dwom 43.1 Ma bembuo mfiri w’anim mmra,

ma w’ani nhwɛ adeɛ a ɛtene mu.

3 Dwom 16.7; 139.1 Sɛ wosɔ m’akoma hwɛ, na wohwehwɛ me mu anadwo,

na wonane me yiyi mu, worenhunu hwee.

Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfiri m’ano.

4Nnipa nneyɛɛ fam, w’anomu asɛm no nti

masɔre me ho, awerɛmfoɔ akwan ho.

5W’anammɔn no ara so na me kwan nam,

me nan anwati.

6Ao, Onyankopɔn, mesu mefrɛ wo, na wobɛgye me so.

Yɛ aso ma me, tie me nsɛm.

7 Dwom 4.3 Fa anwanwa kwan so yi wo dɔ mapa adi kyerɛ,

wo a wogye wɔn a wɔhwehwɛ dwanekɔbea,

firi wɔn atamfoɔ nsam wɔ wo nifa.

8 Deut 32.10 Hwɛ me so sɛ ani kurutuawisi,

fa me hunta wo ntaban nwunu ase,

9abɔnefoɔ a wɔfom me fa,

m’atamfoɔ atirimuɔdenfoɔ a wɔtwa me ho hyia no nti.

10Wɔapirim wɔn akoma a wɔnni mmɔborɔhunu biara,

wɔde wɔn ano kasa ahantan kasa.

11Wɔtetɛ me, na afei wɔtwa me ho hyia,

wɔde wɔn ani akari me pɛ m’asehweɛ.

12 Dwom 10.9 Wɔte sɛ gyata a wɔredɛɛdɛɛ apɛ adufudeɛ,

te sɛ gyata ba a ɔtɛ kokoam.

13Ao, AWURADE, sɔre bɛsianka wɔn na brɛ wɔn ase,

fa w’afena gye me kra firi abɔnefoɔ nsam.

14 Luka 16.25; Flp 3.19 AWURADE, fa wo nsa bɛgye me firi nnipa nsam,

nnipa a wɔn nkwa kyɛfa yɛ wiase deɛ,

fa deɛ wɔasiesie ama wɔn hyɛ wɔn yafunu ma;

ma wɔn mma nya no mmorosoɔ,

na wɔnnya bi mma wɔn mmotafowa.

15Me deɛ, mɛhwɛ w’anim tenenee mu,

menyane a, me ho bɛtɔ me sɛ mahu woɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help