Mmebusɛm 26 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nkwaseafoɔ, anihafoɔ ne nkɔnkɔnsafoɔ

1 Mmb 26.8 Sɛ ahuhuberɛ mu sukyerɛmma

ne twaberɛ mu nsuo teɛ no,

sɛ animuonyam mfata ɔkwasea ne no.

2Sɛdeɛ apatuprɛ kyini na asomfenakatakyi tuo no,

saa ara na nnuabɔ hunu remma mu.

3 Dwom 32.9; Mmb 10.13 Pɔnkɔabaa fata ɔpɔnkɔ, nnareka fata afunumu,

ɛnna abaa nso fata ɔkwasea akyire.

4Mmua ɔkwasea n’agyimisɛm so,

na wo nso woanyɛ sɛ ɔno.

5Bua ɔkwasea wɔ n’agyimisɛm so,

na wanyɛ n’ani so onyansafoɔ.

6Deɛ ɔde asɛm soma ɔkwasea no

twitwa ɔno ara ne nan, na ɔnom mmusuo.

7Sɛdeɛ apakye nan sensɛne hɔ no,

sɛdeɛ nkwaseafoɔ anomu abebusɛm teɛ ne no.

8 Mmb 26.1 Sɛdeɛ abohene boaa teɛ aboɔkuo soɔ no,

sɛ deɛ ɔhyɛ ɔkwasea animuonyam teɛ ne no.

9Sɛdeɛ nkasɛɛ poma teɛ wɔ nsaboni nsam no,

sɛ nkwaseafoɔ anomu abebusɛm teɛ ne no.

10Deɛ ɔbɔ ɔkwasea ne anantefoɔ paa no

te sɛ agyantoni a ɔpira nnipa nyinaa.

11 2 Pe 2.22 Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no,

sɛ ɔkwasea ti n’agyimisɛm mu ne no.

12 Mmb 3.7 Wohunu onipa a ɔyɛ ɔno ara n’ani so nyansafoɔ a,

anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea sene no.

13 Mmb 22.13 Ɔkwadwofoɔ se: Ɛserɛ-mu-sɛe wɔ ɔkwan mu,

gyata wɔ mmɔntene so!

14 Mmb 6.9-11 Sɛdeɛ ɛpono dane ne ho ne mpontɛre soɔ no,

saa ara na ɔkwadwofoɔ nso yɛ wɔ ne kɛtɛ soɔ.

15 Mmb 19.24 Ɔkwadwofoɔ de ne nsa bɔ ayowa mu,

ɛyɛ n’ani ha sɛ ɔde bɛhyɛ n’anomu.

16Ɔkwadwofoɔ yɛ n’ani so nyansafoɔ

sene nnipa baason a wɔkyerɛ adeɛ a ɛsɛ.

17Deɛ ɔretwam na ɔde ne ho fra asɛm a ɛmfa ne ho mu

te sɛ deɛ ɔsɔ ɔkraman aso mu.

18Sɛdeɛ ɔbɔdamfoɔ a ɔto nnyansramma,

agyan ne owuo teɛ no,

19sɛ onipa a ɔgyegye ne yɔnko,

na ɔka sɛ: Agorɔ na meredie, teɛ ne no.

20 Mmb 22.10 Nnyina sa a, ogya dum,

na sɛ asomsɛmkani nni hɔ a, tɔkwa to twa.

21 Mmb 15.18 Sɛdeɛ gyabidie ma nsramma na nnyina ma ogya no,

saa ara na ɔbarima tɔkwapɛfoɔ ma ɔko ano sɔ.

22 Mmb 18.8 Asomsɛmkani nsɛm te sɛ mfremfremadeɛ,

na ɛsiane kɔ yam mpia mu.

23Ano fremfrem ne amumuyɛ akoma

te sɛ dwetɛ fi a wɔde adura kuruwago ho.

24Deɛ ɔtane obie no de n’ano kyerɛ asɛm bi,

na ne mu deɛ, ɔsiesie nkontompo.

25Sɛ ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm a, nnye no nni,

na akyiwadeɛ nson wɔ n’akomam.

26Nitan de nnaadaa kata ne ho,

nanso asafo mu wɔbɛyi ne bɔne adi.

27 Dwom 7.15; Ɔsɛ 10.8 Deɛ ɔtu amena bɛhwe ɛno ara mu,

na deɛ ɔmuni ɔboɔ no, ɛbɛsane aba ne so.

28Tɛkyerɛma torofoɔ tane wɔn a apira wɔn,

na ano a ɛdɛfɛdɛfɛ de ɔsɛeɛ ba.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help