1 Mmb 15.20; 17.21, 25 Salomo mmebusɛm.
Ɔba nyansafoɔ ma n’agya ani gye,
na ɔba kwasea deɛ ɔhyɛ ne na awerɛhoɔ.
2Ɔbɔnefoɔ akoradeɛ nyɛ mfasoɔ biara,
na tenenee gye onipa firi owuo mu.
3 Dwom 37.19, 25 AWURADE mma ɛkɔm nne ɔteneneeni kra,
na abɔnefoɔ adepɛ deɛ, ɔka gu.
4 Mmb 6.6-11; 12.24, 27; 19.15; 28.19 Ohia bɛhia deɛ ɔtwentwɛn ne nsa aseɛ,
na nsiyɛfoɔ nsa ma wɔnya wɔn ho.
5Deɛ ɔboaboa ano ahuhuberɛ no yɛ ɔba nyansafoɔ,
na deɛ ɔtɔ nko twaberɛ no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwuo.
6Nhyira da ɔteneneeni atifi,
na akakabensɛm kata abɔnefoɔ ano.
7 Hiob 18.17; Dwom 9.5 Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira,
na abɔnefoɔ din bɛporɔ.
8Akoma mu nyansafoɔ gye mmara nsɛm,
na ogyimifoɔ kurokurofoɔ bɛhwe ase.
9Deɛ ɔnam pɛyɛ mu no nam dwoodwoo,
na deɛ ɔkyea n’akwan no, wɔbɛhu no.
10 Mmb 6.13 Deɛ ɔbu ani no yi awerɛhoɔ,
na ogyimifoɔ kurokurofoɔ bɛhwe ase.
11 Mmb 10.31; 13.14 Ɔteneneeni ano yɛ nkwa nsutire,
na akakabensɛm kata abɔnefoɔ ano.
12 1 Pe 4.8 Ɔtane hwanyan ntɔkwa,
na ɔdɔ kata mfomsoɔ nyinaa so.
13Nhunumufoɔ anomu na wɔhunu nyansa,
na abaa fata deɛ ɔnni tire akyi.
14Anyansafoɔ kora nimdeɛ,
na ogyimifoɔ ano yɛ abuo a ɛbɛn.
15 Mmb 18.11 Ɔdefoɔ ahonyadeɛ ne ne kuro a ɛyɛ den,
mmɔborɔfoɔ abuo a ɛbu wɔn ne wɔn hia.
16 Luka 16.19 Ɔteneneeni adeyɛ ma nkwa,
ɔbɔnefoɔ nnɔbaeɛ deɛ, ɔde yɛ bɔne.
17Deɛ ɔbu atenetene fa nkwa kwan so,
na deɛ ɔpo animka no fom kwan.
18Deɛ ɔkata nitan soɔ no wɔ atorɔ ano,
na deɛ ɔtwirie no yɛ ɔkwasea.
19Mfomsoɔ mpa ɔkasa dodoɔ mu,
na deɛ ɔsianka n’ano yɛ onimdefoɔ.
20Ɔteneneeni tɛkyerɛma yɛ dwetɛ a wɔayiyi mu,
abɔnefoɔ akoma deɛ, ɛmfra.
21Ɔteneneeni ano yɛne nnipa pii,
na agyimifoɔ deɛ, etire a wɔnnie nti wɔwuwu.
22 Dwom 127.2 AWURADE nhyira na ɛyɛ ɔdefoɔ,
na ɔmfa awerɛhoɔ nka ho.
23Amumuyɛ yɛ ɔkwasea sɛ agorɔ,
na nyansa yɛ onipa a ɔwɔ nhunumu fɛ.
24 Mmb 1.27; Dwom 37.4 Ɔbɔnefoɔ adeɛ a ɔsuro ara na ɛbɛba ne soɔ,
na ateneneefoɔ adeɛ a wɔpɛ no, wɔbɛma wɔn.
25Sɛ ahum tu twam a, na ɔbɔnefoɔ nni hɔ bio,
na ɔteneneeni yɛ daa nnyinasoɔ.
26Sɛ nsa kekakeka yɛ ɛse na wisie yɛ aniwa no,
sɛ onihafoɔ yɛ wɔn a wɔsoma no ne no.
27 Mmb 9.11; 14.27 AWURADE suro to nna so,
na abɔnefoɔ mfeɛ deɛ, wɔbɛtwa so.
28 Dwom 9.17; Hiob 8.13 Teneneefoɔ anidasoɔ bɛyɛ anigyeɛ,
na deɛ abɔnefoɔ hwɛ no kwan no bɛyera.
29 Mmb 3.26 AWURADE akwan yɛ ahoɔden ma pɛyɛfoɔ,
na ɛyɛ ɔsɛeɛ ma amumuyɛfoɔ.
30 Dwom 112.6; Mmb 2.22 Ɔteneneeni remfiri n’ananmu da biara da,
na abɔnefoɔ deɛ wɔrentena asase so.
31 Mmb 10.11; Dwom 37.30 Ɔteneneeni ano yi nyansa adi,
na tɛkyerɛma kontonkyi deɛ, wɔbɛtwa.
32Ɔteneneeni ano nim adeɛ a ɛsɔ ani,
na abɔnefoɔ ano di akontonkyisɛm.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.