1Onyankopɔn, fa me sie, na wo na medwane bɛtoa wo.
2 Dwom 73.25 Mese AWURADE sɛ: M’Awurade ne wo,
menni papa biara nka wo ho.
3Na akronkronfoɔ a wɔwɔ asase soɔ no,
wɔne animuonyamfoɔ a wɔsɔ m’ani koraa.
4Wɔn a wɔdi anyame afoforɔ akyire no, wɔma wɔn yea dɔɔso.
Merenhwie wɔn mogya nhwiesa no bi,
na meremfa m’ano memmɔ wɔn din.
5 Kwa 3.24 AWURADE ne m’agyapadeɛ mu kyɛfa ne me kuruwa,
wo na me nkrabea kura wo nsam.
6Me susuhoma akɔfa deɛ ɛyɛ ama me,
aane, apɛgyadeɛ no yɛ me fɛ.
7 Dwom 4.4; 17.3 Mekamfo AWURADE a ɔtu me fo,
nso anadwo m’akoma kyerɛkyerɛ me.
8Mede AWURADE masi m’anim daa,
na ɔwɔ me nifa yi, merenhinhim.
9 Gye 49.6 Enti m’akoma tɔ me yam, na me kra di ahurisie,
na me honam tena ase dwoodwoo.
10 Aso 2.25-32; 13.35-37 Na worennya me kra Asamando,
woremma wo hoteni nhunu Amena mu porɔeɛ.
11Wobɛkyerɛ me nkwa kwan,
anika a ɛmeeɛ wɔ w’anim,
anigyedeɛ wɔ wo nifa hɔ daa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
