1 Luka 1.13 Na nna no mu no, Yohane a ɔyɛ osuboni no ba bɛkaa asɛm wɔ Yudea serɛ so
2Mat 4.17 sɛ: Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn.
3Yes 40.3; Yoh 1.23 Na oyi ne deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ:
Obi nne reteam wɔ ɛserɛ so sɛ:
Monsiesie Awurade kwan!
Momma n’atempɔn ntene!
4 2 Ah 1.8 Nso na Yohane yi fira ntoma a wɔde yoma nwi na ayɛ, na nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na n’aduane ne ntutummɛ ne wiram woɔ.
5Ɛnna Yerusalemfoɔ ne Yudeafoɔ nyinaa ne Yordan ho asase nyinaa sofoɔ firi kɔɔ ne nkyɛn;
6na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.
7 Mat 23.33 Na Yohane hunuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, ɔsee wɔn sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔkyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho?
8Ɛnneɛ monso aba a ɛkyerɛ adwensakyera.
9Rom 2.28-29; 4.12; Yoh 8.33; 8.39 Na monnsusu nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.
10Luka 13.7-9 Nanso wɔde akuma no ato nnua no nhini ho dada; enti dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa ato ogya mu.
11 Yoh 1.26-27; 1.33; Aso 1.5 Me deɛ, mebɔ mo asu wɔ nsuo mu kɔ adwensakyera mu, na deɛ ɔdi m’akyi reba no deɛ, ɔkorɔn kyɛn me; na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.
12Mat 13.30 Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra aporoeɛ hɔ fitaa. Ɔbɛboaboa n’ayuo ano akɔgu san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.
Yesu asubɔ(Marko 1.9-11; Luka 3.21-22; Yohane 1.31-34)13Ɛnna Yesu firi Galilea baa Yordan ho, Yohane nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu.
14Na ɔno deɛ, ɔsii no kwan sɛ: Me mmom a ɛhia me sɛ wobɔ me asu no na woreba me nkyɛn yi?
15Na Yesu bua see no sɛ: Seesei deɛ, ma ho kwan; na ɛnam yei so na yɛhyɛ tenenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan.
16Na wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ɔfirii nsuo no mu, hwɛ, ntɛm ara na ɔsoro bue maa no, na ɔhunuu Nyankopɔn Honhom sɛ ɛresiane sɛ aburuburo ba ne soɔ.
17Mat 17.5; Yes 42.1 Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.