Nnwom 130 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Amanehunu kɛseɛ mu mpaebɔƆsoroforɔ dwom.

1 Dwom 69.2 Mefiri abunu kuronkuron mu mefrɛ wo, AWURADE.

2AWURADE, tie me nne,

wɛn w’aso

tie me nkotosrɛ.

3 Dwom 19.12 AWURADE, sɛ wodi amumuyɛdeɛ akyiri a,

hwan na anka ɔbɛgyina?

4 Yes 55.7; Rom 6.1-2 Na wo na fakyɛ wɔ wo fam,

na wɔasuro wo.

5Mehwɛ AWURADE kwan,

me kra rehwɛ kwan,

na n’asɛm so na m’ani da.

6Me kra twɛn AWURADE

sene awɛmfoɔ a wɔtwɛn adekyeeɛ,

sene awɛmfoɔ a wɔtwɛn adekyeeɛ.

7Israel, ma w’ani nna AWURADE so,

n’afam na adɔeɛ wɔ,

na ɔgyeɛ a ɛdɔɔso wɔ ne nsam.

8 Mat 1.21 Ɔno na ɔbɛgye Israel

afiri n’amumuyɛ nyinaa mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help