1 Ate 6.32 Ɛnna Yerubaal (a ɔne Gideon) no ne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa sɔree anɔpahema, na wɔkɔkyeree nsraban Harod nsuo aniwa ho, na Midian nsraban no wɔ n’atifi fam, More kokoɔ ho bonhwa no mu.
2Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɛdɔm a wɔka wo ho no dɔɔso sene deɛ mede Midian bɛhyɛ wɔn nsa, na Israel ankyerɛ wɔn ho me so anka sɛ: Me ara me nsa na agye me.
3Deut 20.8 Enti afei ma wɔmpae no ɔman no aso mu sɛ: Deɛ ɔsuro na n’akoma tuo no nsane n’akyi, na ɔnnane n’ani mfiri Gilead bepɔ ho nkɔ. Ɛnna ɔman no mu nnipa mpemaduonu mmienu sanee wɔn akyiri kɔeɛ, na ɛkaa nnipa mpemdu.
4Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Nnipa no da so dɔɔso; fa wɔn siane kɔ asuo no ho, na menyiyi wɔn mu memma wo wɔ hɔ, na ɛmmra sɛ, deɛ mɛse wo sɛ: Oyi ne wo nkɔ no, ɔno na ɔne wo nkorɔ; na obiara a mɛse wo sɛ: Oyi ne wo nnkɔ no, ɔnnkɔ.
5Na ɔde nnipa no siane kɔɔ asuo no ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Obiara a ɔde ne tɛkyerɛma bɛtafere nsuo no bie sɛdeɛ ɔkraman tafere no, fa ɔno nko gyina. Na obiara a ɔkoto ne nankoroma anim no nso, yɛ no saa ara.
6Na wɔn a wɔde wɔn nsa totoo wɔn ano tafereeɛ no, na ano si nnipa ahasa, na ɔman no nkaeɛ nyinaa kotoo wɔn nankoroma anim nom nsuo no bi.
71 Sa 14.6 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Mmarima ahasa a wɔtafereeɛ no na mede bɛgye mo, na mede Midian mahyɛ wo nsa, na ma wɔn a aka no mu biara nkɔ ne tenabea.
8Na wɔgyegyee nkurɔfoɔ no akwansoduane ne wɔn ntotorobɛnto kurakuraa wɔn nsam; na ɔgyaa Israel nyinaa kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu, na ɔsɔɔ mmarima ahasa no mu. Na Midian nsraban no wɔ n’ase fam bonhwa no mu.
9Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre siane kɔ nsraban no mu, na mede mahyɛ wo nsa.
10Na sɛ wo deɛ, wosuro sɛ wobɛsiane a, wo ne w’akoa Pura nsiane nkɔ nsraban no mu,
11na kɔtie asɛm a wɔbɛka, na ɛno akyiri no, wo nsa bɛyɛ den na woasiane akɔ nsraban no mu. Na ɔne n’akoa Pura siane kɔɔ nsraban no mu twafoɔ no ano nohoa.
12Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa boaboa bonhwa no mu a wɔn dodoɔ te sɛ ntutummɛ, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea.
13Gye 40.9, 16 Na Gideon duruiɛ no, na hwɛ, obi reyi daeɛ bi akyerɛ ne yɔnko sɛ: Hwɛ, maso daeɛ bi, na hwɛ, atokoɔ taterɛ bi remuni aba Midian nsraban mu, na ɛduruu ntomadan no ho, na ɛpem no hwee hɔ, na ɛbutuu no koraa maa ntomadan no guu hɔ.
14Na ne yɔnko no buaa no sɛ: Yei nyɛ biribiara sɛ Israelni Yoas ba Gideon nkrantɛ; ne nsam na Onyankopɔn de Midian ne nsraban no nyinaa ahyɛ.
15 Yes 9.4 Na ɛbaa sɛ Gideon tee daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ no, ɔkoto sɔree, na ɔsane baa Israel nsraban mu, na ɔkaa sɛ: Monsɔre, ɛfiri sɛ AWURADE de Midian nsraban no ahyɛ mo nsa.
16Na ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuo mmiɛnsa, na ɔde ntotorobɛnto hyehyɛɛ wɔn nyinaa nsa ne nkuruwa hunu ne tɛnee a ɛhyehyɛ nkuruwa no mu.
17Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ me, na monyɛ sɛdeɛ meyɛ, na hwɛ, sɛ meduru nsraban no ano a, sɛdeɛ meyɛ no, saa ara na monyɛ.
18Na sɛ me ne nnipa a wɔka me ho no nyinaa hyɛne totorobɛnto no a, mo nso monhyɛne ntotorobɛnto ntwa nsraban no ho nyinaa nhyia, na monka sɛ: AWURADE ne Gideon deɛ nie!
19Na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no duruu nsraban no ano, dasuo a ɛdi mfimfini no mfitiaseɛ a wɔde awɛmfoɔ gyinagyinaeɛ ara pɛ, na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto na wɔbobɔɔ nkuruwa a ɛkurakura wɔn nsam no.
20Na akuo mmiɛnsa no hyenhyɛnee ntotorobɛnto no, na wɔbobɔɔ nkuruwa no, na wɔkurakuraa ntɛnee no wɔn nsa benkum mu ne ntotorobɛnto no wɔn nsa nifa mu hyenhyɛnee, na wɔteaa mu sɛ: AWURADE ne Gideon nkrantɛ!
21Na wɔgyinagyinaa hɔ, wɔn gyinabea, de twaa nsraban no ho hyiae. Na nsraban no nyinaa bɔɔ twi, na wɔteateaa mu na wɔdwanedwanee.
22Na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto ahasa no. Na AWURADE maa wɔn nyinaa nkrantɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn yɔnkonom ne nsraban no nyinaa so. Na ɛdɔm no nyinaa dwane kɔsii Bet-sita wɔ Serera kɔsii Abel-mehola a ɛwɔ Tabat ho no ano.
23Na wɔpae kɔhyiaa Israel mmarima firi Naftali ne Aser ne Manase nyinaa na wɔbɛtii Midian.
24Na Gideon somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Efraim bepɔ nyinaa so kɔkaa sɛ: Monsiane nkɔhyia Midian, na monnye wɔn nsam nsuo ano akwan nkɔduru Bet-bara ne Yordan ano. Na Efraim mmarima nyinaa bɛhyiae, na wɔbɛgyee nsuo ano akwan no de kɔsii Bet-bara ne Yordan ano.
25Na wɔkyeree Midian asafohene baanu, Oreb ne Seeb, na wɔkumm Oreb, Oreb boɔ so, na Seeb nso wɔkumm no Seeb nsa-kyi-amena ho. Na wɔtii Midian na wɔde Oreb ne Seeb tiri firi Yordan agya brɛɛ Gideon.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.