1 ɛfiri sɛ wɔne no hamee.
21Na wɔtuu asubura foforɔ, na ɛno ho nso wɔpereperee, enti ɔfrɛɛ no Sitna.
22Na wɔfirii hɔ kɔtuu abura foforɔ, na ɛno deɛ, wɔampere, enti ɔtoo no din Rehobot, na ɔkaa sɛ: Afei deɛ AWURADE ama yɛn mu atrɛ, na yɛadɔre wɔ asase yi so.
23Na ɔfirii hɔ kɔɔ Beer-seba.
24Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no anadwo no ara kaa sɛ: Mene w’agya Abraham Nyankopɔn, nsuro, na medi w’akyi. Mɛhyira wo, na m’akoa Abraham nti mɛma w’asefoɔ adɔre.
25Gye 12.8 Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE, na ɔsii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Isak nkoa tuu asubura wɔ hɔ.
Abraham ne Abimelek yɛ apam26 Gye 21.22 Na Abimelek ne n’adamfo Ahusat ne ne safohene Pikol firi Gerar baa ne nkyɛn.
27Na Isak ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn nti na moaba me nkyɛn yi? Sɛ motane me, na moapamo me afiri mo nkyɛn.
28Na wɔse: Yɛahunu pefee sɛ AWURADE di w’akyi. Na yɛse: Ma ntam nna yɛne wo ntam. Na ma yɛne wo mpam,
29sɛ worenyɛ yɛn bɔne biara; sɛdeɛ yɛanka woɔ, na yɛayɛ wo papa nko ara, na yɛagya wo kwan asomdwoeɛ mu no. Afei wone deɛ AWURADE ahyira no.
30Na ɔtoo wɔn pono, na wɔdidi nomee.
31Na wɔsɔree anɔpatutu kekaa ntam kyerɛkyerɛɛ wɔn ho, na Isak gyaa wɔn kwan, na wɔde asomdwoeɛ firi ne nkyɛn kɔe.
32Na da no ara Isak nkoa ba bɛkaa no abura a wɔtuiɛ no ho asɛm sɛ: Yɛato nsuo.
33Gye 21.31 Na ɔfrɛɛ no Siba. Enti kuro no din de Beer-seba de bɛsi nnɛ yi ara.
Esau ananafoɔ yerenom34 Gye 36.2-3 Na Esau dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Hetini Beeri babaa Yudit ne Hetini Elon babaa Basmat.
35Na wɔhyɛɛ Isak ne Rebeka awerɛhoɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
