Efesofoɔ NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

NHYƐNMUDeɛ ɛdi kan koraa wɔ Paulo krataa a ɔde kɔmaa Efesofoɔ no fa “Onyankopɔn nhyehyɛɛ … a ɔde n’abɔdeɛ nyinaa a ɛwɔ soro ne asase so bɛbɔ mu ama Kristo ayɛ etire” (1.10). Ɛsane nso yɛ adesrɛ a ɔde to Onyankopɔn nkurɔfoɔ anim sɛdeɛ wɔbɛyɛ ama saa nhyehyɛɛ pa yi a Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa ka bom wɔ Kristo mu no ada adi.Ɔfa a ɛdi kan wɔ Efesofoɔ nwoma yi mu no, ɔtwerɛfoɔ no ma yɛhunu nkabom sɛ asɛm titire. Ɔkasa fa ɔkwan a Onyankopɔn a ɔyɛ Agya afa so ayi ne nkurɔfoɔ ne sɛdeɛ ɔnam ne ba Yesu so de wɔn bɔne akyɛ wɔn na wɔayi wɔn afiri bɔne mu, ɛne sɛdeɛ ɔde ne Honhom Kronkron asɔ ne bɔhyɛ kɛseɛ no ano. Ɔfa a ɛtɔ so mmienu no, ɔde adesrɛ to n’akenkanfoɔ anim sɛ wɔnnante sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn baakoyɛ a ɛwɔ Kristo mu no bɛyɛ adwuma wɔn nyinaa mu.Ɔnam kasasu ahodoɔ so de kyerɛkyerɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ baakoyɛ a ɛwɔ wɔn ne Kristo nkabom no mu: Asafo no te sɛ nipadua a Kristo ne etire; anaasɛ asafo no te sɛ ɛdan a Kristo ne tweasoboɔ; anaasɛ asafo no te sɛ ɔyere a Kristo ne okunu. Ɔtwerɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn adom a ɛwɔ Kristo mu nimdeɛ teɛ. Ɔhwɛɛ biribiara sɛdeɛ ɛteɛ wɔ Kristo dɔ, n’afɔrebɔ, ne fakyɛ, n’adom ne n’ahoteɛ mu.EMU NSƐMAhyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-2Kristo ne asafo no 1.3—3.21Nkwa foforɔ a ɛwɔ Kristo mu 4.1—6.20Awieeɛ 6.21-24
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help