Mateo NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)
NHYƐNMUMateo Asɛmpa no kasa fa asɛmpa no ho sɛ, Yesu ne Agyenkwa no, deɛ wɔahyɛ ne ho bɔ, a Onyankopɔn nam ne so ama ne bɔhyɛ a ɔde maa ne nkurɔfoɔ wɔ Apam Dada mu no aba mu. Saa asɛmpa yi nni hɔ mma Yudafoɔ nkutoo, wɔn a anka Yesu firi wɔn mu no, na mmom nnipa nyinaa.Wɔde ahwɛyie na ahyehyɛ Mateo. Ɛhyɛ aseɛ firi Yesu awoɔ, ɛkyerɛ n’asubɔ ne ne sɔhwɛ, na atoa so ama yɛahunu n’asɛnka, ne nkyerɛkyerɛ ne n’ayaresa dwumadie wɔ Galilea. Yeinom akyire no, ɛkyerɛ Yesu akwantuo a ɛfiri Galilea de kɔɔ Yerusalem ne nsɛm a ɛsisiiɛ wɔ nnawɔtwe a ɛdi akyire a ɛwiee no asɛnnua so wuo ne ne wusɔreɛ no.Asɛmpa no yi Yesu adi sɛ ɔkyerɛkyerɛni kɛseɛ a ɔkura tumi de kyerɛkyerɛ Onyankopɔn mmara ne n’ahennie no. Ne nkyerɛkyerɛ dodoɔ no ara gu akuo ahodoɔ nnum: (1) Bepɔ so asɛnka a ɛfa esu, asodie, adom, ne ɔsoro ahennie mu nnipa daakye ho (Ti 5-7); (2) Nhyehyɛɛ a ɔde ama n’asuafoɔ a ɛwɔ wɔn asɛnka dwumadie ho. (Ti 10); (3) Ɔsoro ahennie ho mmebuo (Ti 13); (4) Nkyerɛkyerɛ a ɛfa osuaniyɛ mu nteaseɛ (Ti 18); ne (5) nkyerɛkyerɛ a ɛfa wiase awieeɛ berɛ ne ɔsoro Ahennie a ɛreba no ho (Ti 24-25).EMU NSƐMYesu Kristo awoɔ ntoatoasoɔ ne n’awoɔ 1.1—2.23Osuboni Yohane dwumadie 3.1-12Yesu asubɔ ne sɔhwɛ a ɛtoo no 3.13—4.11Yesu abɔntene so asɛnka wɔ Galilea 4.12—18.35Ɛfiri Galilea rekɔ Yerusalem 19.1—20.34Yesu bɛn Yerusalem wɔ nnawɔtwe a ɛdi akyire no mu 21.1—27.66Awurade wusɔreɛ ne n’ahoyie no 28.1-20