Nnwom 143 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Mmoa ho sufrɛDawid dwom.

1AWURADE, tie me mpaebɔ,

yɛ aso ma me nkotosrɛ,

wo nokorɛdie mu gye me so, wo tenenee mu.

2 Dwom 130.3; Hiob 9.2 Na mfa w’akoa nkɔ atemmuo mu,

na w’anim ɔteasefoɔ biara renni bem.

3Na ɔtamfoɔ taa me kra,

ɔbɔ me nkwa hwe fam,

ɔma metena sum mu sɛ wɔn a wɔawu dadaada.

4Na me honhom tɔ piti me mu,

m’akoma asene me yam.

5 Dwom 77.5 Mekae tete nna,

medwene wo nneyɛɛ nyinaa ho,

mesusu wo nsa ano nnwuma ho.

6 Dwom 42.1-2; 63.1 Metene me nsam mekyerɛ wo,

wo ho sukɔm de me kra sɛ asase a awoɔ.

7 Dwom 28.1 O AWURADE, yɛ ntɛm gye me so,

me honhom tɔ piti,

nyi w’ani nhunta me,

na manyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu.

8Ma mente w’adɔeɛ anɔpa,

na wo so na mede me ho metoɔ.

Ma menhunu kwan a memfa soɔ,

na wo na mema me kra so mekyerɛ woɔ.

9O AWURADE, yi me firi m’atamfoɔ nsam.

Wo nkyɛn na mede me ho makora.

10 Dwom 25.5 Kyerɛkyerɛ me deɛ wopɛ yɛ,

na wone me Nyankopɔn,

wo honhom pa no

nnya me asase tee so.

11 Dwom 23.3; 119.25 Wo din nti, AWURADE, ma mennya nkwa,

wo tenenee mu yi me kra firi ahohia mu,

12 Dwom 116.16 na w’adɔeɛ mu yi m’atamfoɔ hɔ,

na sɛe wɔn a wɔha me kra nyinaa,

na w’akoa ne me.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help