1
na womaa wo nnuhwam dɔɔso,
na wosomaa w’abɔfoɔ akyirikyiri,
na wobrɛɛ wo ho ase kɔɔ Asamando.
10Wo kwan tentene no nti wobrɛe,
nanso woanka sɛ: Mfasoɔ biara nni so;
wonyaa wo nsam akwanhosan nti,
anyɛ wo ya.
11 Dwom 50.21 Na hwan nti na w’akoma tuiɛ na wosuroeɛ,
na wodii atorɔ,
na woankae me
amfa anhyɛ w’akoma mu yi?
Me deɛ, ɛnyɛ komm a mefiri tete mayɛ
nti na wonsuro me yi anaa?
12Mɛka wo tenenee ne wo nneyɛɛ makyerɛ,
nso ɛrenyɛ wo mfasoɔ biara.
13Woteam a, ma w’abosompem a woaprapra aboa ano no nnye wo.
Na mframa bɛsoa wɔn nyinaa akɔ,
ohuo bɛfa wɔn kɔ;
na deɛ ɔdwane bɛtoa me no bɛnya asase no adi,
na wanya me bepɔ kronkron no atena so.
14 Yes 62.10 Na wɔbɛka sɛ:
Montu ngu so, montu ngu so, mommɔ kwan,
monyi akwansideɛ mfiri me man kwan mu.
Adom ho bɔhyɛ foforɔ15 Dwom 113.5-9; Yes 66.1-2; Dwom 51.17 Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ,
deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie:
Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron,
ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso,
sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa,
na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.
16 Dwom 103.9 Na merenham menkɔsi daa,
na me bo remfu daa,
ɛfiri sɛ honhom no firi me hɔ,
na me na mayɛ ahome.
17N’anibereɛ a ɛyɛ amumuyɛ nti na me bo fuiɛ
na mehwee no, mehuntae, na me bo fui;
nanso ɔkɔɔ so sanee n’akyi faa n’akoma kwan so.
18Mahunu n’akwan, nso mɛsa no yadeɛ;
na mɛkyerɛ no kwan, na masane makyekyere ne werɛ,
na mabɔ anofafa so aba ama n’abooboodifoɔ.
19 Efe 2.17 Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka deɛ ɔwɔ akyirikyiri ne deɛ ɔbɛn, AWURADE na ɔseɛ,
na mɛsa no yadeɛ.
20 Yuda 13 Na abɔnefoɔ te sɛ ɛpo a ɛhuru kukukuku;
na ɛntumi nyɛ komm,
na emu nsuo pu atɛkyɛ ne dɔteɛ gu.
21 Yes 48.22 Asomdwoeɛ nni hɔ mma abɔnefoɔ, me Nyankopɔn na ɔseɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
