1 2 Yoh 1; Rom 8.17 Me a meyɛ ɔpanin bi ne Kristo amanehunu ho dansefoɔ ne animuonyam a wɔrebɛyi no adie no fafafoɔ nso, metu mpanimfoɔ a ɛwɔ mo mu no fo sɛ:
2Yoh 21.16; Aso 20.28; 1 Ti 3.2-7 Monyɛne Nyankopɔn nnwankuo a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ mu, sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adufudepɛ nti, na mmom akoma a ɛpɛ nti;
32 Ko 1.24; Tito 2.7 ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔdi asafotoɔ no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛsoɔ mma nnwankuo no.
41 Pe 2.25; Heb 13.20; 1 Ko 9.25; 2 Ti 4.8 Na odwanhwɛfoɔ panin no yi ne ho adi a, moanya animuonyam abotire a ɛrensɛe da no.
5Efe 5.21; Mmb 3.34; Mat 23.12; Yak 4.6 Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ
Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan,
na ɔdom ahobrɛasefoɔ.
6 Hiob 22.29; Yak 4.10 Enti mommrɛ mo ho ase Nyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, berɛ a ɛsɛ mu.
7Dwom 55.22; Mat 6.25; Flp 4.6 Momfa mo dadwene ne haw nyinaa nto ne so, ɛfiri sɛ ɔdwene mo ho.
Monsi ɔsɔhwɛfoɔ no kwan8 1 Te 5.6 Mo ani nna hɔ, monwɛn, ɛfiri sɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene.
9Efe 6.11-13 Ɔno na momfa gyidie nnyina hɔ pintinn nsi no kwan, ɛfiri sɛ monim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase soɔ sɛ wɔnhunu.
10 1 Pe 1.6 Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo pɛ, ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛhyɛ mo den, ɔbɛma moanya nnyinasoɔ.
11Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen.
Nkradie ne nkyea12 Heb 13.22 Menam onua nokwafoɔ Silwano so, sɛdeɛ mebu no no, matwerɛ nsɛm tiawa yi mabrɛ mo, mede metu mo fo, na medi adanseɛ sɛ, yei ne Nyankopɔn nokorɛ adom a moabɛgyina mu yi.
13Aso 12.12; 12.25; 2 Ti 4.11 Asafo a ɛwɔ Babel a wɔayi wɔn sɛ mo no, ne me ba Marko kyea mo.
141 Ko 16.20 Momfa ɔdɔ mfeano nkyeakyea mo ho mo ho. Asomdwoeɛ nka mo a mowɔ Kristo mu nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
