2 Ahemfo 23 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yosia gu abosonsom(2 Berɛsosɛm 34.3-7, 29-33)

1 a ɛwɔ Hinom mma bonhwa mu no ho fi, na obiara amma ne babarima anaa ne babaa amfa ogya mu amma Molek bio.

11Na ɔyii apɔnkɔ a Yuda ahemfo de ama owia no, AWURADE fie no ano, de kɔɔ opiani Natan-melek da a ɛwɔ akyire abannwa mu no ho, na owia nteaseɛnam no, ɔde ogya hyee.

122 Ah 16.10-11; 21.4-5; 2 Be 28.24 Na afɔrebukyia a ɛwɔ Ahas abansorodan atifi a Yuda ahemfo sisiiɛ ne afɔrebukyia a Manase sisii no AWURADE fie abannwa mmienu no soɔ no, ɔhene dwirii, na ɔyi firii hɔ, na ɔde ne mfuturo kɔguu Kidron subonhwa mu.

131 Ah 11.7 Na sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Yerusalem anim a ɛwɔ ɔsɛeɛ bepɔ nifa soɔ a Israelhene Salomo si maa Sidonfoɔ Astoret a ɛyɛ akyiwadeɛ ne Moabfoɔ Kemos, a ɛyɛ akyiwadeɛ ne Amon mma Milkom a ɛyɛ atantanneɛ no, ɔhene guu ho fi.

14Na ɔbubuu adum no, na ɔtwitwaa Asera nnua no, na ɔde nnipa nnompe guguu ananmu.

15 1 Ah 12.32 Bio nso afɔrebukyia a ɛwɔ Betel, sorɔnsorɔmmea a Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no yɛeɛ no, afɔrebukyia no nso ne sorɔnsorɔmmea no, ɔdwirii, na ɔhyee sorɔnsorɔmmea no yam no fekɔfekɔ maa ɛyɛɛ mfuturo, na ɔhyee Asera nnua no.

161 Ah 13.2 Na Yosia danee ne ho na ɔhunuu adamena a ɛwowɔ bepɔ no so hɔ no, na ɔsoma maa wɔkɔfaa nna no mu nnompe bɛhyee no afɔrebukyia no so guu ho fi, sɛ AWURADE asɛm a Nyankopɔn nipa a ɔkaa nsɛm yi no paee mu kaeɛ no teɛ.

171 Ah 13.30 Ɛnna ɔbisaa sɛ: Nkaeɛ boɔ bɛn na ɛwɔ hɔ a mehunu yi? Na kuro no mufoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛ Nyankopɔn nipa a ɔfirii Yuda baeɛ, na ɔbɛkaa adeɛ a woayɛ Betel afɔrebukyia yi no damena.

18Na ɔse: Momma no nna hɔ, mma obiara nnhwanyan ne nnompe. Enti wɔanka ne nnompe ne odiyifoɔ a ɔfiri Samaria no nnompe.

19Na sorɔnsorɔmmea adan a ɛwɔ Samaria nkuro mu a Israel ahemfo yeyɛeɛ sɛ wɔde rehuru AWURADE bo no nyinaa nso, Yosia yiyi kɔe, na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ no Betel no ara.

20Na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa bobɔɔ afɔrebukyia no so afɔdeɛ, na ɔhyehyee nnipa nnompe wɔ wɔn so na ɔsane baa Yerusalem.

Yosia di Twam afahyɛ(2 Berɛsosɛm 35.1-19)

21 Eks 12 Na ɔhene hyɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Monni Twam mma AWURADE mo Nyankopɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ no apam nwoma yi mu no.

22Na ɛfiri atemmufoɔ a wɔbuu Israel atɛn no berɛ so, ne Israel ahemfo ne Yuda ahemfo nna nyinaa na wɔnnii Twam bi sɛ yei,

23gye Ɔhene Yosia afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no mu na wɔdii Twam yi maa AWURADE wɔ Yerusalem.

24 Lew 20.27; Deut 29.17-18 Nanso asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ ne efie ahoni ne abosom ahoni ne akyiwadeɛ a wɔhunuu no Yuda asase soɔ ne Yerusalem no nyinaa Yosia yi gui, sɛ ɔbɛma mmara nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma a Ɔsɔfoɔ Hilkia kɔhunuu no AWURADE fie no mu no atim.

252 Ah 18.5 Na ne nsɛso hene bi anni n’anim a ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa dane baa AWURADE nkyɛn sɛ Mose mmara no kyerɛ no, na n’akyiri nso obi ansɔre a ɔte sɛ ɔno.

26 2 Ah 21.11-16 Nanso AWURADE annane amfiri n’abufuhyeɛ kɛseɛ a ɛdɛre tiaa Yuda, abohuro a Manase de huruu ne boɔ no nyinaa nti no mu.

272 Ah 17.18; 1 Ah 8.29 Na AWURADE kaa sɛ: Mɛyi Yuda nso afiri m’anim, sɛdeɛ meyii Israel no, na mapo Yerusalem kuro a mafa yi ne efie a mekaa sɛ: Me din bɛtena hɔ, no.

Yosia ahennie ba awieeɛ(2 Berɛsosɛm 35.20—36.1)

28Na Yosia ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.

29Ne berɛ so na Misraimhene Farao Neko tu ba bɛnee Asiriahene koeɛ Eufrate asubɔnten ho. Na Ɔhene Yosia sii mu kɔhyiaa no. Na Yosia bɛtoo no no, Asiria hene kumm no Megido.

302 Ah 9.28 Na ne nkoa twee ne funu no teaseɛnam mu firi Megido de no baa Yerusalem, na wɔsiee no ne da mu. Na asase no sofoɔ no faa Yosia ba Yehoahas sraa no sii no hene n’agya ananmu.

Yehoahas di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 36.2-4)

31Yehoahas bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu mmiɛnsa, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna babaa.

32Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no ara.

33Hes 19.4 Na Farao Neko kyekyeree no Ribla, Hamat asase so sɛ ɔnnni Yerusalem so hene, na ɔde dwetɛ dwetikɛseɛ ha ne sika dwetikɛseɛ baako toɔ too asase no so.

Yehoiakim di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 36.5-8)

34Na Farao Neko de Yosia ba Eliakim sii hene n’agya Yosia ananmu, na ɔsakyeraa ne din too no Yehoiakim. Na Yehoahas deɛ, ɔfaa no kɔɔ Misraim, na ɔkɔwuu wɔ hɔ.

352 Ah 15.20 Na dwetɛ ne sika no, Yehoiakim de maa Farao, nanso ɔbɔɔ asase no boɔ sɛ wɔmma sika no sɛdeɛ Farao kaeɛ no, obiara sɛdeɛ ne boɔbɔ teɛ no, ɔgyee dwetɛ ne sika no firii asase no so nkurɔfoɔ no nkyɛn, sɛ ɔde rekɔma Farao Neko.

36Yehoiakim bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ dubaako Yerusalem. Na ne na din de Sebuda a ɔyɛ Pedaia a ɔfiri Ruma babaa.

37Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no ara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help