Hiob 28 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ɛhe na nyansa firi? Mpeepee Nyankopɔn nyansa mu

1Aane dwetɛ wɔ ne nkommena,

na afa wɔ hɔ ma sika a wɔhorɔ.

2Dadeɛ nso wɔtu no fam,

na wɔnane aboɔ yɛ kɔbere.

3Onipa ma esum to twa,

na ɔhwehwɛ kɔduru akyirikyiri

pɛ sum kabii ne sunsum mu aboɔ.

4Ɔtu nkoron deɛ obi nteɛ hɔ,

anammɔn a ɛtwam werɛ firi no,

ɔsensɛne hɔ, ɔdi ahim deɛ ɔdasani biara nnie hɔ.

5Asase wɔ hɔ yi, aduane firi mu ba,

na n’ase nso, ɔdane ani sɛ ogya.

6Hoaboɔ dabea ne n’aboɔ no mu,

na sikafuturo nso wɔ hɔ.

7Ɛyɛ ɔkwan a ɔkɔdeɛ nnim,

na akorɔma ani nhunuu da,

8anworanwora mmoa ntiatiaa soɔ,

na gyatabire mfaa hɔ.

9Ɔtene ne nsa ka ɔbohemmaa,

ɔbutu mmepɔ wɔ ne nhini mu.

10Ɔtwitwa aka abotan mu,

na n’ani hwɛ aboɔdenneɛ nyinaa.

11 Hiob 28.25 Ɔsisi asuasu kwan na ansosɔ,

na adeɛ a ahunta no, ɔyi ba hann mu.

12Na nyansa deɛ, ɛhe na wɔbɛhu no,

na ɛhe na nhunumu afa wɔ?

13Ɔdasani nnim ne boɔ,

na wɔnhu no ateasefoɔ asase so.

14Ebunu donkodonko ka sɛ: Ɛnni me mu.

Na ɛpo ka sɛ: Ɛnni me hɔ.

15 Mmb 3.14-15; 8.10-11 Wɔmfa sika amapa nsi ananmu nnye,

na wɔnkari dwetɛ ntua ne tiri boɔ.

16 1 Ah 9.28 Wɔnkari no Ofir sika so ntɔ,

wɔmfa apopobibireboɔ a ne boɔ yɛ den ne hoaboɔ ntɔ.

17Wɔmfa sika ne ahwehwɛ nto ho,

na wɔmfa sika nnwinneɛ nsesa.

18Wɔmmɔ nhwene panin ne aboɔ a ɛhyerɛn din,

na nyansa boɔ sene nhwene pa deɛ.

19 Eks 28.17 Etiopia asase so akrateboɔ ne no nsɛ,

na wɔmfa sika amapa nkyerɛ ne boɔ.

20Ɛnneɛ na ɛhe na nyansa firi ba?

Na ɛhe na nhunumu tenabea wɔ?

21Wɔde ahunta ateasefoɔ nyinaa aniwa,

wɔakata so ɔsoro nnomaa anim.

22Ɔyera amena ne owuo ka sɛ:

Yɛde yɛn aso ate ne nka.

23 Mmb 8.22-31 Onyankopɔn na ɔhunu ne kwan mu,

na ɔno na ɔnim ne tenabea;

24na ɔno na ɔhwɛ asase awieeɛ,

ɔsoro ase nyinaa nso, ɔhunu.

25 Hiob 26.10 Ɔhyɛɛ mframa duro too hɔ,

na ɔhyɛɛ nsuo sɛ ne nsusuiɛ teɛ no,

26berɛ a ɔhyɛɛ osuo ahyɛdeɛ,

na ɔyɛɛ ɔkwan maa n’aprannaa asraman no,

27ɛno na ɔhunuiɛ na ɔyii no adie;

ɔde sii hɔ na ɔpeepee mu.

28 Dwom 111.10; Mmb 1.7 Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ:

Hwɛ, AWURADE ho suro, ɛno ne nyansa,

na bɔne ho dwanneɛ ne nhunumu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help