Nnwom 120 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

NkɔnkɔnsafoɔƆsoroforɔ dwom.

1AWURADE na m’ahohia mu mesu mefrɛɛ no,

na ɔtiee me.

2AWURADE, yi me kra

firi atorɔ ano,

firi nnaadaa tɛkyerɛma mu.

3Ɛdeɛn na wɔmfa mma woɔ,

na ɛdeɛn na wɔmfa nka wo ho,

wo nnaadaa tɛkyerɛma?

4Ɔbrane agyan hwerɛmhwerɛm

ne ogya nsramma kɔɔ na ɛbɛyɛ wo kyɛfa.

5Mennue sɛ mabɛsoɛ Mesek

na matena Kedar ntomadan mu!

6Me kra ne wɔn a wɔtane asomdwoeɛ

atena akyɛre dodo.

7 Num 6.24 Me deɛ, meyɛ asomdwoeɛni,

nanso sɛ mekasa a,

wɔn deɛ, wɔpɛ ɔko.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help