1 Adi 15.1 Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no mu baako bae ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii no soɔ no atemmuo.
2Adi 14.8; 18.3 Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ adwaman, na n’adwamammɔ nsa no abobo wɔn a wɔtete asase soɔ no.
3 Adi 13.1 Na ɔde me faa honhom mu kɔɔ ɛserɛ so. Na mehunuu ɔbaa bi a ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma, na ɔwɔ tiri nson ne mmɛn du so.
4Hes 28.13; 28.16; Yer 51.7 Na ɔbaa no hyɛ atadeɛ afasebire ne nkrawoɔ, na ɔde sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa ahyehyɛ ne ho, na ɔkura sika kuruwa a akyiwadeɛ ne n’adwamammɔ fi ayɛ no ma.
52 Te 2.7; Adi 14.8; 16.19; Dan 4.30 Na wɔatwerɛ din bi ne moma so sɛ: Ahuntasɛm. Babel kɛseɛ no, asase so nnwamamfoɔ ne akyiwadeɛ na.
6 Adi 18.24 Na mehunuu sɛ ahotefoɔ mogya ne Yesu adansefoɔ mogya aboro ɔbaa no, na mehunuu no no, ɛyɛɛ me nwanwa kɛse.
7Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ: Adɛn nti na ayɛ wo nwanwa? Mɛka wo ɔbaa no ne aboa a ɔso no a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du no ho ahuntasɛm no.
8Adi 13.1-2; 13.3; 3.5 Aboa a wohunuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, na ɔbɛfiri bunu no mu aba, na wabɛsene akɔ ɔsɛeɛ mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase soɔ a wɔamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ wɔn din nkwa nwoma mu no nwanwa sɛ, wɔbɛhunu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.
9Adi 13.18; 13.1 Ɛha na adwene a nyansa wɔ mu no wɔ. Tire nson no yɛ mmepɔ nson a ɔbaa no te soɔ, na ɛyɛ ahemfo baason.
10Baanum agu, ɔbaako wɔ hɔ, ɔfoforɔ no nnya mmae, na ɔba a, ɛtwa sɛ ɔtena hɔ kakraa bi.
11Adi 17.8; 19.20 Na aboa a da bi na ɔwɔ hɔ na afei deɛ ɔnni hɔ no, ɔno ara nso ne deɛ ɔtɔ so nwɔtwe, na ɔfiri nson no mu, na ɔkɔ ɔsɛeɛ mu.
12 Adi 13.1; Dan 7.20; 7.24 Na mmɛn du a wohunuiɛ no ne ahemfo du a wɔnnyaa ahennie, nanso wɔne aboa no bɛnya tumi sɛ ahemfo dɔnhwere baako.
13Yeinom wɔ adwene korɔ, na wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no.
14Adi 19.16; 19.14 Yeinom ne Adwammaa no bɛko, na Adwammaa no bɛdi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahemfo mu Hene, — ɔno ne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wɔdi nokorɛ no.
15 Adi 17.1; Yes 8.7; Yer 47.2 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuo a wohunuiɛ a odwamamfoɔ no te soɔ no yɛ nkuro ne nkurɔfoɔ akuakuo ne aman ne kasa ahodoɔ.
16Adi 17.12-13; 18.8 Na mmɛn du a wohunuiɛ no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtane odwamamfoɔ no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagya, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahye no.
17Adi 10.7 Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn akoma mu sɛ wɔmma ne tiri mu asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwene korɔ, na wɔmfa wɔn ahennie mma aboa no nkɔsi sɛ Nyankopɔn nsɛm no bɛwie duro.
18Adi 18.10 Na ɔbaa a wohunuu no no ne kuro kɛseɛ a ɛdi asase so ahemfo so hene no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.