1 2 Ah 1.17 Na Ahab ba Yehoram bɛdii Israel so hene Samaria, Yudahene Yehosafat afe a ɛtɔ so dunwɔtwe so; na ɔdii hene mfeɛ dummienu.
21 Ah 16.32 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne deɛ, nanso na ɛnte sɛ n’agya ne ne na deɛ no; na ɔyii Baal honi a n’agya yɛeɛ no hɔ.
31 Ah 12.30 Nanso ɔbataa Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho, na wansane amfiri ho.
4Na Moabhene Mesa yɛ nnwanyɛnfoɔ, na ɔmaa Israel hene nnwanten mma mpemha ne adwennini mpemha ho nwi.
5Na Ahab wuiɛ no, Moabhene tee Israel hene anim atua.
6Na Ɔhene Yehoram firii Samaria da no ara, na ɔkɔkanee Israel nyinaa.
71 Ah 22.4 Na ɔkɔe, na ɔsoma ma wɔkɔɔ Yudahene Yehosafat nkyɛn sɛ: Moabhene ate m’anim atua, na wo ne me bɛkɔ ne Moab akɔko anaa? Na ɔse: Mɛkɔ, mete sɛ wo, me man te sɛ wo man, m’apɔnkɔ te sɛ w’apɔnkɔ.
8Na ɔkaa sɛ: Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa akorɔ? Na ɔse: Edom serɛ so kwan no.
9Ɛnna Israel hene, Yuda hene ne Edomhene sii mu kɔeɛ; na wɔtwaa nnanson kwan, na nsuo nni hɔ mma dɔm no ne mmoa a wɔdi wɔn akyire.
10Na Israel hene kaa sɛ: Ao, AWURADE afrɛ ahemfo baasa yi ahyia sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Moab nsa.
111 Ah 22.5, 7; 19.19, 21 Na Yehosafat se: AWURADE diyifoɔ bi nni ha a yɛbɛkɔ ne nkyɛn akɔbisa AWURADE? Na Israel hene nkoa mu baako buaa sɛ: Ɛha na Safat ba Elisa a ɔhwiee nsuo guu Elia nsa soɔ no wɔ.
12Na Yehosafat kaa sɛ: Ampa, ɔyɛ AWURADE diyifoɔ kɛseɛ. Ɛnna Israel hene ne Yehosafat ne Edomhene siane kɔɔ ne nkyɛn.
13Na Elisa ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Kɔ w’agya adiyifoɔ ne wo na adiyifoɔ no nkyɛn! Na Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, na AWURADE afrɛ ahemfo baasa yi ahyia sɛ ɔde wɔn rekɔhyɛ Moab nsa.
141 Ah 18.15; Dwom 15.4 Na Elisa kaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE a megyina n’anim te aseɛ yi, sɛ ɛnyɛ Yudahene Yehosafat anim na mehwɛ a, anka merenhwɛ wo na mahu wo.
15Na afei momfa sankubɔni mmrɛ me. Na sankubɔni no rebɔ no, AWURADE nsa baa ne so,
16na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Mɛma nsuo ahyɛ amena a emu aweɛ yi ma.
17Na sɛ AWURADE seɛ nie: Morenhunu mframa na morenhunu osuo, nanso nsuo bɛyɛ bonhwa yi ma; na moanom, mo ne mo nantwikuo ne mo mmoa.
18Na yei nso yɛ mmrɛ wɔ AWURADE ani so, na ɔbɛyi Moab nso ahyɛ mo nsa.
19Na mobɛbubu wɔn nkuro akɛseɛ ho afasuo, na moafa nkuro a ɛyɛ fɛ nyinaa, na moabubu wɔn nkuro akɛseɛ nyinaa, na moasisi nsuo aniwa nyinaa, na mode aboɔ asɛe mfu pa nyinaa.
20Na anɔpa a wɔrebɔ aduane afɔdeɛ no, hwɛ, nsuo firii Edom kwan so bae, na nsuo no yɛɛ asase no ma.
21Na Moabfoɔ nyinaa tee sɛ ahemfo no reforo aba ne wɔn abɛko no, wɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔbɛtumi amia amiadeɛ nyinaa, ɛfiri mmɔfra so de kɔsi mpanimfoɔ so, na wɔbɛgyinaa ɛhyeɛ so.
22Na wɔsɔree anɔpatutu a owia repue nsuo no soɔ no, Moabfoɔ hunuu nsuo no agya nohoa sɛ ɛbere sɛ mogya,
23na wɔkaa sɛ: Mogya nie! Ahemfo no ne wɔn ho adi nnɔmmata akunkum wɔn ho, na afei, Moabfoɔ, monkɔfa asadeɛ!
24Na wɔbaa Israel nsraban mu no, Israel sɔre kunkumm Moabfoɔ, na wɔdwanee wɔn anim, na wɔtaa wɔn kɔkunkumm Moabfoɔ.
252 Ah 3.19 Na nkuro no, wɔdwirii, na mfu pa nyinaa, wɔtotoo aboɔ guguu so mmaako mmaako kɔsii sɛ ɛso kataeɛ, na wɔsisii nsuo aniwa nyinaa, na wɔbubuu nnua pa nyinaa; gye Kir-haraset na wɔgyaa n’aboɔ, na ntɔmmoɔtofoɔ kɔtwaa ho hyiae bɔɔ no.
26Na Moabhene hunuu sɛ ɛdɔm no ano ayɛ den papa ama no no, ɔfaa mmarima ahanson a wɔtwe nkrantɛ kaa ne ho, sɛ ɔrete mu akɔ Edomhene ho, nanso wɔantumi.
27Ɛnna ɔfaa n’abakan a anka ɔbɛsi n’ananmu adi hene no, na ɔde no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ɔfasuo no so. Na abufuo kɛseɛ baa Israel mu, na wɔfirii ne ho sane baa wɔn asase so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.