Hosea 2 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Wɔsɛe Nyankopɔn apam

1 ne mo nua mmaanom sɛ: Ruhama.

2 Na woremfrɛ me: Me Baal! bio.

17Na mɛyi Baal ahodoɔ din mafiri n’anomu, na wɔremfa wɔn din nkae wɔn bio.

18Hes 34.25 Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mɛbubu tadua ne nkrantɛ ne akodie mafiri asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo.

19Adi 19.7 Na mɛgye wo aware mafa akɔsi daa, na mɛgye wo aware mafa, tenenee ne atemmuo so, ne adɔeɛ ne mmɔborɔhunu so,

20Dwom 146.6; Yer 31.34 na mɛgye wo aware mafa, gyidie so, na woahunu AWURADE.

21Na ɛda no ɛbɛba sɛ mɛgye so, AWURADE asɛm nie,

mɛgye ɔsoro so,

na ɛno nso agye asase so,

22na asase agye ayuo ne nsa ne ngo so,

na ɛno nso agye Yesreel so.

23 Hos 1.6; 1.9; Rom 9.25; 1 Pe 2.10 Na mɛdua no mafa, asase so,

na mɛhunu deɛ wɔnhunuu no mmɔborɔ no mmɔbɔ,

na mɛka makyerɛ deɛ ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo!

Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help