Hiob 31 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Hiob kyerɛ sɛ n’abrabɔ tene

1 Mat 5.28-29 Apam na me ne m’ani apam,

na adɛn na memfa m’ani menkari ɔbaabunu?

2Na anka ɛdeɛn ne Nyankopɔn kyɛfa a ɛfiri soro,

ne Otumfoɔ agyapadeɛ a ɛfiri sorɔnsorɔmmea?

3Ɛnyɛ ɔsɛeɛ ne obusufoɔ adeɛ,

na akatua denden ne amumuyɛfoɔ kyɛfa anaa?

4 Hiob 23.10 Ɛnyɛ ɔno na ɔhunu m’akwan,

na ɔkan m’anammɔn tutuo nyinaa?

5Sɛ medii ahuhudeɛ akyi,

na me nan pɛɛ nnaadaa ho ntɛm a,

6ɔnkari me nsaniakwanmu mu,

na Onyankopɔn nhunu me mudie no.

7 Dwom 7.3-5 Sɛ me nan mane firii ɔkwan no so,

na m’akoma dii m’ani akyi,

na nkekaeɛ wɔ me nsam a,

8ɛnneɛ wɔmma mennua na obi nni,

na wɔntutu me nnɔbaeɛ ngu.

9Sɛ wɔdaadaa m’akoma ɔbaa bi ho,

na metɛɛ me yɔnko pono ano a,

10 Deut 28.30; 2 Sa 12.11 ɛnneɛ ma me yere nyam mma obi,

na ebinom nkom ne so,

11na ɛno na ɛyɛ aniwusɛm,

na ɛno ne asɛnnifoɔ anim amumuyɛ.

12Na ɛno ne ogya a ɛhye kɔ ɔyera amena mu,

na anka ɛbɛtutu me nnɔbaeɛ nyinaa.

13Sɛ mammu m’akoa anaa m’afenaa atemmuo hwee

berɛ a wɔne me wɔ ɛham bi a,

14ɛnneɛ sɛ Onyankopɔn sɔre a, ɛdeɛn na mɛyɛ?

Na sɛ ɔbisa a, ɛdeɛn na mede bɛbua no?

15 Efe 6.9 Ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ me no na ɔyɛɛ no ɔyafunu mu,

na ɔbaakofoɔ na ɔsiesiee yɛn nyinaa ɛna yam?

16 Hiob 29.12 Sɛ masianka mmɔborɔfoɔ afiri deɛ wɔhwehwɛ ho,

na mama akunafoɔ ani abu,

17na me nkutoo madi m’aduane,

na awisiaa anni mu bi a,

18mmom ɛfiri ne mmɔfraase na meyɛnee no sɛ agya,

na ɛfiri ne na yam na mekyerɛɛ no kwan,

19sɛ mahunu obi a ntoma abɔ no nti ɔreyera

na nkataho bi nni ohiani nsam,

20na sɛ n’asenem anhyira me,

na wamfa me nnwan nwi anhyɛ ne ho hye,

21 Hiob 29.7 na sɛ mama me nsa so awisiaa so,

ɛfiri sɛ mehunuu me boa kuro pono mu a,

22ɛnneɛ me mmatiri nhwan mfiri ne dompe so,

na me nsa mmubu mfiri ne dompe so.

23 Hiob 32.22 Ɛfiri sɛ mmusuo a ɛfiri Onyankopɔn yii me hu,

na ne kɛseyɛ nti mantumi manyɛ hwee.

24 Dwom 52.7 Sɛ mede sika mayɛ m’ahotosoɔ,

na maka makyerɛ sika amapa sɛ m’anidasoɔ ne no,

25na sɛ m’ani gyee sɛ m’ahodeɛ dɔɔso,

ne sɛ me nsa aka adeɛ bebree,

26 Deut 4.19 na sɛ mehunuu owia hann sɛ ɛhyerɛn,

na ɔsrane nam ne haran mu,

27 1 Ah 19.18 na ɛdaadaa m’akoma kokoam,

na m’ano fee me nsa ho de mae a,

28na anka mapa Onyankopɔn a ɔwɔ soro no akyi,

ɛno nso ne ɔtemmufoɔ anim amumuyɛ bi.

29 Dwom 35.13; Mmb 24.17 Sɛ m’ani gyee me tamfo amanehunu ho,

na me ho sanee me sɛ bɔne ato no,

30 1 Pe 3.9 nso mamma m’ano anyɛ bɔne,

sɛ mede nnome bɛsrɛ ne wuo;

31ampa ara me ntomadan mufoɔ anka sɛ:

Hwan na Hiob maa no nam a ammee no?

32 Gye 19.2; Heb 13.2 Ɔhɔhoɔ biara ansoɛ abɔntene so,

mebuee me pono mekyerɛɛ akwantufoɔ,

33sɛ mekataa me mmarato so sɛ Adam, na mede m’amumuyɛ mesiee me kokom,

34ɛfiri sɛ mesuroo nkurɔfoɔ dodoɔ

na abusuafoɔ ahohorabɔ yii me hu,

na ɛmaa meyɛɛ komm, mamfiri me pono ano amfiri adi a.

35 Hiob 23.3-7 O, sɛ anka merenya obi a ɔbɛtie me ɛ!

(Hwɛ, m’agyiraeɛ nie! Otumfoɔ mmua me!)

O, sɛ anka ɔbarima a ɔne me anya no retwerɛ asɛm a ɔne me wɔ no ɛ!

36Anka ampa ara mede bɛto me mmati,

mede bɛbɔ me ti sɛ abotire,

37anka mɛkyerɛ no m’anammɔntutuo dodoɔ,

mɛtwe apini no sɛ ɔhene.

38Sɛ m’asase team tia me,

na n’akofie de nne korɔ su,

39 Hiob 24.11 na sɛ medii n’aba na mamma sika,

na memaa ɔdenadeɛ hweree ne kra, a,

40ɛnneɛ ma nkasɛɛ mmɛsi ayuo ananmu mfifi,

na nnɛnkyɛnse mmɛsi atokoɔ ananmu.

Hiob nsɛm no asi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help