Eksodɔs 10 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ntutummɛ ba

1Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn, na mapirim ɔne ne nkoa akoma, na mayi me nsɛnkyerɛnneɛ yi adi wɔ wɔn mu,

2 mu; ntutummɛ no baako mpo anka Misraim asase nyinaa so.

20Eks 4.21 Na AWURADE pirim Farao akoma, na wamma Israelfoɔ no ankɔ.

Esum duru

21Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tene wo nsa kɔ ahunum, na esum nnuru Misraim asase so, na ɛnyɛ esum a wosɔ mu a ɛbɛyɛ yie.

22Na Mose tenee ne nsa kɔɔ ahunum, na esum kabii duruu Misraim asase no nyinaa so nnansa.

23Obiara anhunu ne yɔnko, na obiara ansɔre ne tenabea nnansa; na Israelfoɔ nyinaa deɛ, wɔnyaa hann wɔ deɛ na wɔteɛ hɔ.

24 Eks 10.10 Ɛnna Farao frɛɛ Mose sɛ: Monkɔ nkɔsom AWURADE; mo nnwan ne mo anantwie nko ara na wɔmfa nsie ha; mo mma nso ne mo nkɔ.

25Na Mose kaa sɛ: Ɛsɛ sɛ wode afɔrebɔdeɛ a wɔkum na wɔhyeɛ nso hyɛ yɛn nsa, na yɛde akɔbɔ ama AWURADE yɛn Nyankopɔn.

26Na yɛn mmoa nso ne yɛn bɛkɔ, ɛrenka tɔte mpo; na ɛnonom bi na yɛde rekɔsom AWURADE yɛn Nyankopɔn. Na yɛn deɛ, yɛnnim deɛ yɛde bɛsom AWURADE gye sɛ yɛaduru ansa.

27 Eks 4.21 Na AWURADE pirim Farao akoma, na wampɛ sɛ ɔma wɔkɔ.

28Na Farao ka kyerɛɛ no sɛ: Firi me so kɔ, hwɛ wo ho yie, na mma m’anim bio; na da a wobɛba m’anim no, wobɛwu.

29Na Mose buaa sɛ: Aane mate! Meremma w’anim bio.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help