1Na wɔtu firii Elim, na Israelfoɔ asafo no nyinaa baa Sin serɛ a ɛda Elim ne Sinai ntam no so. Wɔfirii Misraim asase soɔ no, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dadu nnanum ne no.
2 Ɛfiri sɛ na wɔnnim adekodeɛ. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei ne aduane a AWURADE de ama mo sɛ monnie no.
16Asɛm a AWURADE ahyɛ nie: Montase bi sɛdeɛ obiara bɛdie, bɛyɛ olonka mmaako mmaako; sɛdeɛ mo nnipa dodoɔ teɛ na montase. Obiara ntase mma wɔn a wɔwɔ ne ntomadan mu no.
17Na Israelfoɔ no yɛɛ saa; na wɔtasee, ebinom deɛ pii, ebinom deɛ kakraa bi.
182 Ko 8.15 Na wɔde olonka susui, na deɛ ɔtasee pii no annya akyire bi, na deɛ ɔtasee kakraa bi no anka no bi. Wɔn nyinaa tasee sɛdeɛ wɔbɛdie.
19Mat 6.34; Luka 11.3 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obiara nnnya bi mmma adeɛ nnkye so.
20Nanso wɔantie Mose, na ebinom gyaa bi ma adeɛ kyee so; na ɛdɔree mmoaa na ɛbɔnee. Na Mose bo fuu wɔn.
21Na wɔtasee anɔpa anɔpa, obiara sɛdeɛ ɔbɛdie; na owia mu yɛ den a, na anane.
22Na da a ɛtɔ so nsia no, wɔtasee aduane no mmɔho, ɔbaako deɛ olonka dummienu. Na asafo no mu mpanimfoɔ nyinaa ba bɛka kyerɛɛ Mose.
23Gye 2.2-3; Eks 20.8 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Deɛ AWURADE aka nie: Ɔkyena yɛ ɔhome, homeda kronkron a wɔdi ma AWURADE, monto deɛ mowɔ to, na monnoa deɛ mowɔ noa; na deɛ ɛbɛka no, momfa nsie nkɔsi anɔpa.
24Na wɔde sie kɔsii anɔpa, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no; na ammɔn, nso na mmoaa biara nni mu.
25Na Mose kaa sɛ: Monni no nnɛ, na ɛnnɛ yɛ homeda a wɔdi ma AWURADE; ɛnnɛ morenhunu bi wiram.
26Nnansia na montase, na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda, ɛda no deɛ, ebi rentɔ.
27Na da a ɛtɔ so nson no, nkurɔfoɔ no mu bi firii adi sɛ wɔrekɔtase, nanso wɔannya bi.
28Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mobɛpo m’ahyɛdeɛ ne me mmara so die akɔsi da bɛn?
29Monhwɛ, sɛ AWURADE ama mo homeda nti na da a ɛtɔ so nsia no ɔma mo nnanu aduane; montenatena mo afie mu; mma obiara mmfiri adi mmfiri ne tenabea da a ɛtɔ so nson no.
30Ɛnna ɔman no homee da a ɛtɔ so nson no.
31Na Israelfoɔ frɛɛ aduane no “mana”; nso ɛte sɛ wisa aba fitaa, na ne dɛ te sɛ taterɛ a ɛwoɔ wɔ mu.
32Na Mose kaa sɛ: Asɛm a AWURADE ahyɛ nie: Momfa ebi nhyɛ olonka ma mfa nsie awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba mo akyire no, na wɔahunu aduane a mede memaa mo diiɛ wɔ ɛserɛ soɔ berɛ a meyii mo Misraim asase soɔ no.
33Heb 9.4 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kuruwa bi, na fa mana olonka ma gu mu, fa si AWURADE anim, na wɔmfa nsie mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
34Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, Aaron de sii Adanseɛ no anim sɛ wɔde resie.
35Yos 5.12 Na Israelfoɔ dii mana mfirinhyia aduanan de kɔsii sɛ wɔduruu asase bi a nkurɔfoɔ bi te soɔ so; wɔdii mana de kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan asase no hyeɛ soɔ.
36Nso olonka yɛ efa du mu baako.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.