1 2 Sa 10 Na yei akyiri no, Amonfoɔ hene Nahas wui, na ne ba bɛdii n’adeɛ.
2Ɛnna Dawid kaa sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔeɛ, na n’agya yɛɛ me adɔeɛ. Na Dawid somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔma no hyɛden n’agya wuo nti. Na Dawid nkoa no sii mu kɔɔ Amonfoɔ asase so, kɔɔ Hanun nkyɛn, sɛ wɔrekɔma no hyɛden.
3Ɛnna Amonfoɔ asafohene ka kyerɛɛ Hanun sɛ: Wodwene sɛ, Dawid asoma hyɛdenmafoɔ aba wo hɔ enti ɔredi w’agya ni anaa? Ɛnyɛ asase so mu pɛɛpɛeɛ ne ne butuo ne ne nsra nti na ne nkoa aba wo nkyɛn yi?
4Ɛnna Hanun faa Dawid nkoa no, na ɔyiyii wɔn, na ɔtwitwaa wɔn ntadeɛ mu fa fa, de bɛduruu wɔn nsrɛkyire, na ɔgyaa wɔn kwan.
5Na wɔba bɛkaa mmarima no ho asɛm kyerɛɛ Dawid. Ɛnna ɔsoma kɔhyiaa wɔn, ɛfiri sɛ wɔasopa mmarima no pa ara, na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena Yeriko nkɔsi sɛ mo bɔgyesɛ bɛfuo ansa na moasane aba.
6Na Amonfoɔ no hunuu sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Hanun ne Amonfoɔ de dwetɛ dwetikɛseɛ apem soma maa wɔde kɔgyee Mesopotamia ne, Aram-maaka ne Soba nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ adɔm.
7Na wɔgyee nteaseɛnam mpemaduasa mmienu ne Maakahene ne ne man adɔm, na wɔba bɛkyeree nsraban Medeba anim, na Amonfoɔ no nso firii wɔn nkuro mu boaboaa wɔn ano baa akono hɔ.
8Na Dawid teeɛ no, ɔsomaa Yoab ne nnɔmmarima dɔm no nyinaa kɔe.
9Na Amonfoɔ no firii adi, na wɔbɛbaee dɔm no mu kuro no pono ano. Na ahemfo a wɔbaeɛ no, wɔn nko tenaa petee mu.
10Na Yoab hunuu sɛ ɛdɔm no ani kyerɛ ne soɔ, n’anim ne n’akyire no, ɔyii Israel mu mmeranteɛ nyinaa, na ɔbaee wɔn mu kɔhyiaa Siriafoɔ.
11Na ɛdɔm no nkaeɛ no, ɔde wɔn hyɛɛ ne nua Abisai nsa, na wɔbaee mu kɔhyiaa Amonfoɔ no.
12Na ɔkaa sɛ: Sɛ Siriafoɔ yɛ den sene me a, bra bɛboa me, na sɛ Amonfoɔ yɛ den sene wo a, mɛba mabɛboa wo.
131 Sa 3.18 Hyɛ wo ho den, na ma yɛn ho nyɛ den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro, na AWURADE deɛ, deɛ ɔpɛ na ɔnyɛ.
14Na Yoab ne ɛdɔm a ɛka ne ho no twe pinii Siriafoɔ anim bɛnee wɔn koe, na Siriafoɔ no dii nkoguo wɔ n’anim.
15Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Siriafoɔ adi nkoguo no, wɔn nso dwane firii Yoab nua Abisai anim kɔhyɛnee kuro no mu. Na Yoab sane baa Yerusalem.
16Na Siriafoɔ no hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no, wɔsomaa abɔfoɔ kɔpɔn Siriafoɔ a wɔwɔ asuogya no bae, a Hadadeser sahene Sofak di wɔn anim.
17Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔkɔboaa Israel nyinaa ano kɔtwaa Yordan, na ɔkɔtoo wɔn twaa wɔn so mpasua. Na Dawid yerɛɛ ɛdɔm no mu sɛ ɔrekɔhyia Siriafoɔ no ne wɔn ako, na wɔne no koe.
18Na Siriafoɔ dii nkoguo wɔ Israel anim, na Dawid kunkumm Siriafoɔ mu nteaseɛnamfoɔ mpemnson ne anammɔn mufoɔ mpemaduanan, na ɔkum ɔsahene Sofak nso.
19Na Hadadeser nkoa hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no, wɔne Dawid yɛɛ asomdwoeɛ apam, na wɔsom no. Na Siriafoɔ ampɛ sɛ wɔboa Amonfoɔ no bio.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.