Yeremia 23 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ahwɛfoɔ bɔne ne ɔhwɛfoɔ pa

1 Hes 13.2-16; 34; Sak 11.5 Nnwanhwɛfoɔ a wɔsɛe me nnwankuo bɔ wɔn pete no nnue! AWURADE asɛm nie.

2Enti sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn ka wɔ ahwɛfoɔ a wɔhwɛ me man no ho nie: Mo na moabɔ me nnwankuo no apete, na moapansam wɔn, na moanhwɛ wɔn. Hwɛ, mo na merebɛtua mo mo nneyɛɛ mu bɔne no so ka, AWURADE asɛm nie.

3Na me ara mɛboa me nnwan nkaeɛ ano afiri nsase a mapam wɔn akɔ soɔ no nyinaa so, na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, na wɔbɛwowo na wɔadɔ.

4Yer 3.15 Na mɛsisi wɔn so ahwɛfoɔ na wɔahwɛ wɔn, na wɔrensuro bio, na wɔn akoma rentu, na wɔn mu bi renyera, AWURADE asɛm nie.

5 Sak 3.8; 6.12; Yes 32.1 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma tenenee Duban bi so mama Dawid, na ɔbɛdi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntenenee ayɛ ade tenenee asase no so.

6Yer 33.16 Ne berɛ so na wɔbɛgye Yuda nkwa, na Israel atena ase dwoodwoo, na yei ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE yɛn tenenee.

7 Yer 16.14-15 Ɛno nti, hwɛ, AWURADE asɛm nie, nna bi reba a wɔrenka bio sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyii Israel firii Misraim asase so baeɛ no te aseɛ yi,

8na mmom: Sɛ AWURADE a ɔkɔyii Israel fie asefoɔ firii atifi fam asase ne nsase a mepamm wɔn kɔɔ soɔ no nyinaa so baeɛ no te aseɛ yi! Na wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.

Adiyifoɔ atorofoɔ no

9Adiyifoɔ no ho asɛm nie:

M’akoma abubu me yam,

me nnompe nyinaa sa biribiri;

mayɛ sɛ nsaboni ne ɔbarima a waboro nsa,

AWURADE ne ne nsɛm kronkron no nti.

10Na awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma;

na nnome nti asase no di abooboo,

ɛserɛ so adidibea akusa;

na wɔn mmirikatuo yɛ bɔne,

na wɔn mmaninyɛ nso ntene.

11Na odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa nsuro Nyame,

me fie mpo na mahunu wɔn bɔne,

AWURADE asɛm nie.

12 Yer 13.16; Dwom 35.6 Ɛno nti wɔn kwan bɛyɛ wɔn sɛ

esum kabii mu kwan torotoro,

wɔbɛsunsum wɔn na wɔahwehwe ɛso ase,

ɛfiri sɛ wɔn asotwe afe no mu,

mede bɔne bɛba wɔn so,

AWURADE asɛm nie.

13Na Samaria adiyifoɔ no mu,

mahunu nkwaseasɛm,

wɔde Baal hyɛɛ nkɔm de

maa me man Israel fomee.

14 Hes 13.22; Yes 1.10 Na Yerusalem adiyifoɔ no mu nso

mahunu ahodwirideɛ,

wɔsɛe awareɛ na wɔdi atorɔ,

na wɔhyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa den,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ na obiara ansane amfiri ne bɔne mu;

wɔn nyinaa adane me sɛ Sodom,

na emufoɔ ayɛ sɛ Gomora.

15 Yer 9.15 Enti sɛ asafo AWURADE ka no adiyifoɔ no ho nie:

Hwɛ, merema wɔn bɔnwono adi,

na mama wɔn ɛborɔ nsuo anom,

ɛfiri sɛ Yerusalem adiyifoɔ mu abɔnefosɛm

afiri kɔ asase no nyinaa so.

16 Yer 6.14 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monntie adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm no nsɛm, wɔde mo kɔ ahuhudeɛ mu. Wɔn adwene mu anisoadehunu na wɔka, ɛmfiri AWURADE anomu.

17Yer 7.24 Ka na wɔka kyerɛ wɔn a wɔpo me no sɛ: AWURADE se: Asomdwoeɛ bɛba ama mo. Na obiara nante n’akoma denyɛ mu a, wɔse: Bɔne biara remma mo so.

18 Yes 40.13 Na wɔn mu hwan na wagyina AWURADE agyina no mu,

na wahunu na wate n’asɛm,

anaa hwan na wawɛn n’aso atie n’asɛm?

19 Yer 30.23 Hwɛ, AWURADE ahum,

abufuhyeɛ afiri adi,

na ahum a ɛdi kyinhyia

no bɛtwa ne ho abɛsi abɔnefoɔ tiri so.

20AWURADE abufuo no rensane

kɔsi sɛ ɛbɛwie na ama n’akoma mu adwene agyina;

nna a ɛdi akyire no mu no

na mobɛhunu mu pefee.

21 Yer 14.14 Mansoma adiyifoɔ no,

nso wɔnyaa asɛm kɔkaeɛ;

mankasa mankyerɛ wɔn,

nso wɔhyɛɛ nkɔm.

22Na sɛ wɔgyinaa m’agyina mu a,

anka wɔmaa me man tiee me nsɛm,

na wɔasane wɔn afiri wɔn kwammɔne so

ne wɔn nneyɛɛ bɔne no ho.

23Meyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ mpinkyɛeɛ mu, AWURADE asɛm nie, na menyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ akyirikyiri anaa?

24Sɛ obi de ne ho hunta huntabea bi a, merenhu no anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mayɛ so ma anaa? AWURADE asɛm nie.

25Mate deɛ adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔntorɔ no keka sɛ: Maso daeɛ, maso daeɛ! no.

26Ɛnkɔsi da bɛn? Ɛwɔ adiyifoɔ a wɔka atorɔ adiyisɛm, na wɔka wɔn akoma mu nnaadaa nkɔm no akoma mu,

27wɔdwene sɛ wɔbɛma me man werɛ afiri me din, wɔn adaeɛ a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no nti, sɛdeɛ Baal nti wɔn agyanom werɛ firii me din no?

28Odiyifoɔ a ɔso daeɛ no, ma no nka ne daeɛso, na deɛ m’asɛm wɔ ne hɔ no, ma no nka m’asɛm nokorɛ mu. Ɛdeɛn na ntɛtɛ ne ayuo wɔ yɛ? AWURADE asɛm nie.

29Heb 4.12 M’asɛm nte sɛ ogya? AWURADE asɛm nie, na ɛnte sɛ asaeɛ a ɛbobɔ ɔbotan anaa?

30Enti, hwɛ, me ne adiyifoɔ no anya, AWURADE asɛm nie, nnipa a wɔwiawia me nsɛm wɔn yɔnkonom nkyɛn no.

31Hwɛ, me ne adiyifoɔ no anya, AWURADE asɛm nie, wɔn a wɔde wɔn tɛkyerɛma keka sɛ: AWURADE se, no.

32Yer 23.21 Hwɛ, me ne adiyifoɔ a wɔsoso atorɔ adaeɛ no anya, AWURADE asɛm nie; wɔn deɛ, wɔkeka adaeɛ no, na wɔde wɔn atorosɛm ne wɔn adwenharesɛm daadaa me man no, nanso mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn, na wɔn ho remma ɔman yi mfasoɔ biara, AWURADE asɛm nie.

33Na sɛ ɔman yi, anaa odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ bi bisa wo sɛ: AWURADE adesoa ne deɛn? Ɛnneɛ kyerɛ wɔn sɛ: Wone adesoa no, na mɛto wo matwene, AWURADE asɛm nie.

34Na odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ anaa ɔman no mu nipa biara ka sɛ: AWURADE adesoa a, na mɛba mabɛtwe onii ko no ne ne fie aso.

35Sei na monkeka nkyerɛ mo mfɛfoɔ, na onua nka nkyerɛ ne nua: Ɛdeɛn na AWURADE buaeɛ, na ɛdeɛn na AWURADE aka?

36Na AWURADE adesoa no deɛ, mommmɔ din bio, na obiara asɛm bɛdane no adesoa, ɛfiri sɛ moadanedane Onyankopɔn teasefoɔ, asafo AWURADE, yɛn Nyankopɔn nsɛm ani.

37Sei na ka kyerɛ odiyifoɔ no: Ɛdeɛn na AWURADE de buaa woɔ, na ɛdeɛn na AWURADE aka?

38Na sɛ moka sɛ: AWURADE adesoa no nti, sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ moka asɛm yi sɛ AWURADE adesoa no, na mesomaa mo nkyɛn sɛ: Monnka sɛ: AWURADE adesoa no,

39enti, hwɛ, me werɛ bɛfiri mo koraa, na mato mo ne kuro a mede memaa mo ne mo agyanom no afiri m’anim agu.

40 Yer 20.11 Na mede daa ahohora ne daa nsopa a werɛ remfiri da ato mo so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help