1 Adansedie nwoma no
8Afei kɔ na kɔtwerɛ no ɛpono bi so ma wɔn,
na kurukyire hyɛ nwoma mu,
na ɛntena hɔ nyɛ adanseɛ
nkɔsi daa daa.
9Na wɔyɛ atuateɛ man,
mma atorofoɔ,
mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie
AWURADE mmara.
10Wɔka kyerɛ adehunufoɔ sɛ: Monnhunu adeɛ!
Na wɔka kyerɛ adiyifoɔ nso sɛ: Monnhyɛ yɛn deɛ ɛtene ho nkɔm! Monka adɛfɛdɛfɛsɛm nkyerɛ yɛn, na monka nnaadaasɛm!
11Mommane mfiri kwan no so, monkwae mfiri ɔtempɔn no so,
momma Israel Kronkronni no nyera yɛn ani so.
12Enti, sɛ Israel Kronkronni no ka nie:
Ɛsiane sɛ asɛm yi afono mo
na mo ani da ɔhyɛ ne nkontompo soɔ
na mode mo ho to soɔ nti,
13amumuyɛ yi bɛdane mo sɛ
mpaepaeɛ a ɛwɔ ɔfasuo a ɛkorɔn na akurum na ɛreyɛ ahwe ase mu,
na ne buo ba mpofirim, amonom.
14Na me bobɔ te sɛ ɔnwomfoɔ ahina
a wɔdwerɛ no dwerɛbee a ebi nka
na wɔnnya n’asinasini mu kyɛmferɛ
a wɔde bɛtu bukyia mu gya
anaasɛ wɔde bɛsa abura mu nsuo.
15 Dwom 37.7; 62.1; Eks 14.14 Na sɛdeɛ AWURADE Nyankopɔn, Israel Kronkronni no seɛ nie:
Ɔsaneba ne ɔhome mu na wɔbɛgye mo nkwa,
kommyɛ ne anidasoɔ mu na mo mmaninyɛ bɛtena,
nanso moampene;
16na mokaa sɛ:
Dabi, na apɔnkɔ so na yɛbɛtena adwane.
Enti dwane na mobɛdwane!
Na mmoa ahoɔharefoɔ so na yɛbɛtena akorɔ.
Enti wɔn a wɔti mo no ho bɛyɛ hare!
17 Lew 26.36 Nnipa apem prɛko bɛdwane ɔbaakofoɔ huyie ano;
nnipa baanum huyie ano na mobɛdwane
akɔsi sɛ wɔbɛgya mo
sɛ frankaadua a ɛsi bepɔ atifi,
nsɛnkyerɛnneɛ a ɛsi kokoɔ soɔ.
Yerusalem daakye ahotɔ18Na enti AWURADE twɛn ansa na wadom mo,
na ɛno nti na ɔma ne ho soɔ, ansa na wahu mo mmɔbɔ,
na atemmuo Nyankopɔn ne AWURADE,
nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.
19 Yes 65.24 Na ɔman no bɛtena Sion wɔ Yerusalem; na worensu bio; dom na ɔbɛdom woɔ atie wo nteam no; ɔte ara pɛ a, ɔbɛgye wo so.
20Na AWURADE bɛma mo ahohia mu aduane ne ahodwan mu nsuo deɛ, nanso wo Kyerɛkyerɛfoɔ remfa ne ho nsie bio, na mmom w’ani bɛhunu wo Kyerɛkyerɛfoɔ no.
21Deut 5.32; 28.14 Na w’aso nso bɛte w’akyiri asɛm bi sɛ: Yei ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnante so.
22Yes 2.20; 27.9; Gye 35.2, 4 Na mobɛgu mo dwetɛ ahoni nnuraho ne mo sika agudeɛ nkataho no ho fi. Wobɛto agu sɛ nsabutam, mobɛka akyerɛ wɔn sɛ: Firi hɔ!
23Na ɔbɛma osuo atɔ agu mo aba a moagu no fam ne asase nnɔbaeɛ aduane so, na ayɛ aduane pa sɔɔsɔɔ; mo mmoakuo bɛdidi da no, adidibea a ɛtrɛ so;
24na anantwie ne mfunumu mma a wɔyɛ mfuo mu adwuma no bɛdi afrafraduane pa a wɔde apampaa ne apaawa ahu soɔ.
25Na mmepɔ asorɔnsorɔn ne nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa soɔ no, asuasu ne nsubɔntene bɛsene hɔ, okunkɛseɛ da a aban atentene bɛhwehwe aseɛ no.
26Yes 60.19; 61.1 Na ɔsrane hann bɛyɛ sɛ owia hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho nson, sɛ nnanson hann, ɛda a AWURADE bɛkyekyere ne man bubuo na wasa ne hweɛ ano kuro no.
Atamfoɔ no sɛeɛ27Hwɛ, AWURADE din firi akyirikyiri reba,
n’abufuo redɛre, sɛ wisie kɛseɛ a ama ne ho so,
abohuro ayɛ n’anomu ma,
na ne tɛkyerɛma te sɛ ogya a ɛhye adeɛ.
28Na ne home te sɛ asuo a ayiri
abɛduru kɔnmu,
na ɔde ɔsɛeɛ sɔneeɛ asɔne amanaman so,
na ɔde ntwɛtwɛdɛwɔ nnareka ato aman ano mu.
29Mobɛto dwom sɛ afahyɛ kronkron anadwo no, na mo bo bɛtɔ mo yam sɛ wɔn a wɔnam atɛntɛbɛn ano rekɔ AWURADE bepɔ soɔ, Israel botan no nkyɛn.
30Yes 29.6 Na AWURADE bɛma wɔate ne nne kɛseyɛ, na wama wɔahunu ne nsa a ɛresiane, abufuo ahomeguo ne adeɛhyeɛ gyaframa, osuo babababa ne osuo yɔɔ ne asukɔtweaa mu.
31Na AWURADE nne nti, Asiria ho bɛpopo, ɔde abaa bɛhwe no,
32na hyɛberɛ abaa a AWURADE bɛma no asi ne soɔ no bɛka no, mpintin ne asankuo ano, na ɔde nsa ɛrepopoɔ na ɛne no bɛko.
33Adi 19.20 Wɔfiri teteete na asiesie akyiwadeɛ hyeɛbea no, ɔhene no na wɔasiesie ama no, emu dɔ, ɛtrɛ, ne ntannaa wɔ ogya ne nnyentia pii, AWURADE home bɛsɔ ano sɛ sɔfe asubɔnten.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.