2 Ahemfo 10 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yehu sɛe Ahab fie

1 1 Ah 21.22 Na Ahab wɔ mmammarima aduɔson wɔ Samaria. Na Yehu twerɛtwerɛɛ nwoma na ɔsoma maa wɔde kɔɔ Samaria kɔmaa Yesreel asafohene, mpanimfoɔ ne Ahab mmagyegyefoɔ no sɛ:

2Sɛ nwoma yi ka mo nsa a, sɛ mo wura mma wɔ mo nkyɛn na nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne nkuro a wɔato ho afasuo ne akodeɛ nso wɔ mo nkyɛn yi;

3monhwehwɛ mo wura mma no mu deɛ ɔyɛ, ne deɛ ɔtene, na momfa no ntena n’agya adwa so, na monko mma mo wura fie.

4Na wɔsuroo pa ara kaa sɛ: Hwɛ, ahemfo baanu no annyina n’anim, na yɛn deɛ, yɛbɛgyina sɛn?

5Na deɛ ɔhwɛ ahemfie no soɔ, ne deɛ ɔdi kuro no soɔ no, mpanimfoɔ ne mmagyegyefoɔ no soma maa wɔkɔɔ Yehu nkyɛn sɛ: Wo nkoa ne yɛn, na deɛ wobɛka akyerɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ; yɛrensi ɔhene biara; yɛ deɛ wopɛ.

6Ɛnna ɔtwerɛɛ wɔn nwoma a ɛtɔ so mmienu sɛ: Sɛ mowɔ m’afa na mobɛtie me a, momfa nnipa no, mo wura mma no tiri mmra me nkyɛn ɔkyena sɛsɛɛ wɔ Yesreel. Nso na ɔhene mma no yɛ mmarima aduɔson; kuro no mu nnipa akɛseɛ no nkyɛn na wɔyɛnee wɔn.

7Na ɛbaa sɛ nwoma no kaa wɔn nsa no, wɔfaa ɔhene mma no kunkumm nnipa aduɔson no, na wɔde wɔn tiri guu nkɛntɛn mu, na wɔsoma maa wɔde kɔmaa no wɔ Yesreel.

8Na ɔbɔfoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wɔde ɔhene mma no tiri no aba. Na ɔse: Monhɔre no akuo mmienu ɛpono no ano nkɔsi anɔpa.

9Na anɔpa no, ɔfirii adi kɔgyinaa hɔ, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Modi bem, hwɛ, me na mepamm me wura tiri soɔ na mekumm no; na hwan na ɔkunkumm yeinom nyinaa?

101 Ah 21.22 Monhunu afei, sɛ AWURADE asɛm a ɔkaa no Ahab fie ho no mu biara bɛba mu, na AWURADE ayɛ deɛ ɔnam n’akoa Elia so kaeɛ no.

11Na Yehu kumm Ahab fie nnipa a wɔkaa wɔ Yesreel no nyinaa ne ne nnipa akɛseɛ ne n’amannifoɔ ne n’asɔfoɔ nyinaa kɔsii sɛ wannya no obiara amma wamfiri mu amfire.

12Na ɔsɔre sii mu kɔɔ Samaria; na ɔduruu Bet-eked nnwanhwɛfoɔ nsraban mu, ɔkwan mu no,

132 Be 22.8 Yehu hyiaa Yudahene Ahasia nuanom, na ɔbisaa wɔn sɛ: Hwannom ne mo? Na wɔse: Ahasia nuanom ne yɛn, na yɛresiane akɔ akɔhwɛ ɔhene mma ne ɔhemmaa mma no sɛ wɔte sɛn.

14Na ɔkaa sɛ: Monkye wɔn anikan so! Na wɔkyeree wɔn anikan, na wɔkunkumm wɔn wɔ Bet-eked amena ho, nnipa aduanan mmienu, na wɔannyae wɔn mu biara.

15 Yer 35.6 Na ɔfiri hɔ rekorɔ no, ɔhunuu Rekab ba Yehonadab sɛ ɔreba abɛhyia no; na ɔkyeaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Wodɔ me sɛdeɛ medɔ woɔ no? Na Yehonadab se: Medɔ wo! Na sɛ ɛte saa a, sɔ me nsa mu ɛ! Na ɔsɔɔ mu; na ɔmaa no foro kɔɔ ne nkyɛn teaseɛnam no mu.

16Na ɔkaa sɛ: Ɛne me nkɔ, na kɔhwɛ me ninkunu a metwe mema AWURADE. Na ɔmaa no tenaa ne teaseɛnam no mu.

171 Ah 21.21-22 Na ɔduruu Samaria no, ɔkumm nnipa a wɔka maa Ahab, Samaria no nyinaa kɔsii sɛ ɔtɔree wɔn ase, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Elia no.

Yehu sɛe Baal

18 1 Ah 16.31-33 Na Yehu boaboaa ɔman no nyinaa ano hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ahab somm Baal kakraa bi, na Yehu deɛ, ɔbɛsom no bebree.

19Na afei, Baal adiyifoɔ nyinaa, ne n’asomfoɔ nyinaa ne n’asɔfoɔ nyinaa, momfrɛ wɔn mmra me nkyɛn, mommma obiara nnka, na mewɔ afɔdeɛ kɛseɛ bi bɔ mema Baal; obiara a ɔremma no rennya nkwa. Na Yehu yɛɛ no aniteɛ mu, sɛ ɔrebɛsɛe Baal asomfoɔ.

20Na Yehu kaa sɛ: Mompae nhyia kronkron mma Baal. Na wɔpaee.

21Na Yehu soma maa wɔkɔkyinii Israel nyinaa, na Baal nkoa nyinaa bae, wɔannya obiara a wamma. Na wɔbaa Baal fie, na Baal fie yɛɛ ma firi ano kɔpem ano.

22Na ɔka kyerɛɛ deɛ ɔhwɛ ntadeɛ dan soɔ no sɛ: Yiyi ntadeɛ brɛ Baal nkoa nyinaa. Na ɔkɔyii ntadeɛ no de brɛɛ wɔn.

232 Ah 10.15 Ɛnna Yehu ne Rekab ba Yehonadab kɔɔ Baal fie, na ɔka kyerɛɛ Baal nkoa no sɛ: Mompeepee mu nhunu na AWURADE nkoa mu bi ammɛka mo ho ha sɛ Baal nkoa nko.

241 Ah 20.39 Na ɔkɔɔ mu sɛ ɔrekɔbɔ afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ.

Na Yehu de mmarima aduɔwɔtwe agyina adihɔ sɛ: Sɛ mmarima a mede wɔn merehyɛ mo nsa yi mu biara firi mu kɔ a, deɛ ɔmaa no kɔeɛ no kra bɛsi ne kra ananmu.

251 Ah 18.40 Na ɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, Yehu ka kyerɛɛ awɛmfoɔ ne akunini no sɛ: Monkɔ nkɔkunkum wɔn, mommma obiara mmfi. Na awɛmfoɔ ne akunini no de nkrantɛ ano kunkumm wɔn totoo wɔn gui.

262 Ah 11.18 Na wɔkɔɔ Baal fie ban no mu, na wɔyii Baal fie adum no, na wɔhyeeɛ;

272 Ah 3.2 na wɔbubuu Baal dum no, na wɔdwirii Baal fie no gui, na wɔde yɛɛ tiafi de bɛsi nnɛ.

28Saa na Yehu sɛee Baal firii Israel.

291 Ah 12.26-33 Nanso Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne akyiri deɛ, Yehu amfi, ɛne sika nantwie mma a ɛwɔ Betel ne Dan no.

302 Ah 15.12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yehu sɛ: Ɛsiane sɛ woayɛ yei, sɛ woayɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ, na woayɛ Ahab fie sɛdeɛ ɛwɔ m’akoma mu nyinaa nti, wo mma a wɔbɛtɔ so nnan no bɛtena Israel adwa so.

31Nanso Yehu anhwɛ amfa n’akoma nyinaa anni AWURADE Israel Nyankopɔn mmara so; wamfiri Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.

32 2 Ah 8.12 Nna no mu na AWURADE firii aseɛ twitwaa Israel soɔ, na Hasael dii wɔn so Israel ahyeɛ nyinaa so,

33ɛfiri Yordan owiapueeɛ, Gilead asase nyinaa, Gadfoɔ ne Rubenfoɔ ne Manasefoɔ deɛ, firi Aroer a ɛwɔ Arnon subonhwa ano ne Gilead ne Basan.

34Na Yehu ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne mmaninneɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu anaa?

352 Ah 13.1 Na Yehu tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Samaria; na ne ba Yehoahas sii n’ananmu dii hene.

36Na nna a Yehu de dii Israel so hene Samaria no yɛ mfirinhyia aduonu nwɔtwe.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help