Yesaia NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)
NHYƐNMUWɔde Yesaia nwoma no too odiyifoɔ kɛseɛ bi a ɔtenaa Yerusalem bɛyɛ mfeɛ ahanwɔtwe ansa na wɔrewo Yesu. Wɔakyekyɛ saa nwoma yi mu mmiɛnsa.1. Ti 1-39 no ka berɛ a ɔman kɛseɛ Asiria hwehwɛɛ sɛ ɔhunahuna Yuda, anafoɔ ahemman no. Yesaia hunuu sɛ ahunahuna a Asiriafoɔ rehunahuna Yudafoɔ no mfiri Asiriafoɔ no ahoɔden, na mmom ɛyɛ ɔman no ankasa bɔne ne asoɔden a wɔayɛ atia Onyankopɔn, ne gye a wɔannye no annie. Odiyifoɔ no amfa saa asɛm yi ansuma; na ɔde too nnipa no ne wɔn mpanimfoɔ no anim sɛ wɔmmɔ ɔbra a tenenee ne atɛntenenee wɔ mu. Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, sɛ wɔantie Onyankopɔn a, ɛnneɛ ɔsɛeɛ na ɛbɛba wɔn soɔ. Yesaia hyɛɛ nkɔm nso sɛ, ɛberɛ bi reba a asomdwoeɛ bɛba wiase nyinaa, na Dawid aseni bi bɛba a ɔbɛyɛ ɔhene papa a ɔdi mu.2. Ti 40-55 ka berɛ a na Yudafoɔ bebree wɔ nnommum mu wɔ Babel na wɔn anidasoɔ nyinaa asa. Odiyifoɔ no kaa sɛ, Onyankopɔn bɛma ne nkurɔfoɔ fawohodie na ɔde wɔn asane aba Yerusalem bio na wɔahyɛ ɔbra foforɔ ase. Botaeɛ titire a saa ɔfa yi gyina soɔ ne sɛ, Onyankopɔn ne abakɔsɛm Wura; ne nhyehyɛɛ a wayɛ ama ne nkurɔfoɔ, ne wɔn dwumadie a wɔbɛdi ama aman nyinaa a wɔnam Israel soɔ bɛnnya nhyira. Deɛ ɛfa “AWURADE Akoa” ho no ka nsɛm a agye din wɔ Apam Dada mu no ho.3. Ti 56-66 mu nsɛm dodoɔ no ara fa berɛ a wɔsane baa Yerusalem no a na wɔhia awerɛhyɛmu sɛ Nyankopɔn bɔhyɛ a ɔde ama ɔman no bɛba mu ama wɔn ho. Nnoɔma a na ɛho hia wɔn ne tenenee ne atɛntenenee sɛ wɔbɛdi homeda so, afɔrebɔ ne mpaebɔ. Asɛm titire a ɛwɔ mu ne 61.1-2, nsɛm a Yesu kaeɛ wɔ n’adwuma ahyɛaseɛ de kyerɛɛ ɔfrɛ a wɔafrɛ no sɛ ɔmmɛka ho nsɛm.EMU NSƐMKɔkɔbɔ ne bɔhyɛ ahodoɔ 1.1—12.6Twe a wɔbɛtwe amanaman no aso 13.1—23.18Bu a Onyankopɔn bɛbu wiase atɛn 24.1—27.13Kɔkɔbɔ ne bɔhyɛ ahodoɔ foforɔ 28.1—35.10Yudahene Hesekia ne Asiriafoɔ no 36.1—39.8Bɔhyɛ ne anidasoɔ ho amanneɛ 40.1—55.13Kɔkɔbɔ ne bɔhyɛ ahodoɔ 56.1—66.24