1
24Na ɔman no kasaa huhuhuhu tiaa Mose sɛ: Ɛdeɛn na yɛnnom?
25Na ɔsu frɛɛ AWURADE, na AWURADE kyerɛɛ no dua bi, na ɔde too nsuo no mu, na nsuo no yɛɛ dɛ. Ɛhɔ na ɔhyɛɛ ahyɛdeɛ ne atemmuo maa wɔn, na ɛhɔ nso na ɔsɔɔ wɔn hwɛeɛ,
26Deut 7.15; 32.39; Mat 9.12 na Mose kaa sɛ: Sɛ wobɛtie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ deɛ ɛtene wɔ n’anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n’ahyɛdeɛ nyinaa so a, ɛnneɛ meremfa yadeɛ a mede meguu Misraim soɔ no biara mengu wo so; na mene AWURADE, wo yaresafoɔ no.
27Na wɔduruu Elim a nsubura dummienu ne akyiresua aduɔson wɔ no. Na wɔkyeree nsraban wɔ nsuo no ho hɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
