1 2 Be 33 Manase bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia dummienu, na ɔdii hene mfeɛ aduonum nnum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Hefsibah.
2Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israelfoɔ anim no akyiwadeɛ.
31 Ah 16.33 Na ɔsane sisii sorɔnsorɔmmea a n’agya Hesekia sɛesɛee no na ɔsisii afɔrebukyia maa Baal, na ɔyɛɛ Asera nnua sɛdeɛ Israelhene Ahab yɛeɛ no, na ɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa na ɔsom wɔn.
42 Ah 21.7 Na ɔsisii afɔrebukyia AWURADE fie a AWURADE kaa ho asɛm sɛ: Yerusalem na mede me din bɛto hɔ, no mu.
52 Ah 23.12 Na ɔsisii afɔrebukyia maa ɔsoro asafo nyinaa AWURADE fie abannwa mmienu no so.
62 Ah 16.3 Na ɔmaa ne babarima faa ogya mu de bɔɔ afɔdeɛ, na ɔyɛɛ abayideɛ ne adebisadeɛ, na ɔhyehyɛɛ asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ, ɔmaa bɔne a ɔyɛeɛ no dɔɔso AWURADE ani so de huruu ne bo.
71 Ah 8.29; 9.3 Na ɔde Asera ohoni a ɔyɛeɛ no sii efie no mu, efie a AWURADE kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Salomo no sɛ: Efie yi ne Yerusalem na mayi Israel mmusuakuo nyinaa mu na mede me din bɛto daa.
8Nanso meremma Israel nan ntu nkyini mfiri asase a mede mama wɔn agyanom no so bio. Na deɛ wɔnyɛ nkutoo ne sɛ wɔhwɛ yɛ sɛdeɛ mahyɛ wɔn nyinaa ne sɛdeɛ mmara a m’akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa teɛ.
9Nanso wɔantie, na Manase de wɔn yerae maa wɔyɛɛ bɔne sene amanaman a AWURADE sɛee wɔn firii Israel soɔ no.
10Na AWURADE nam ne nkoa adiyifoɔ no so kaa sɛ:
11Ɛsiane sɛ Yudahene Manase ayɛ saa akyiwadeɛ yi, na wayɛ bɔne asene deɛ Amorifoɔ a wɔdii n’anim yɛeɛ nyinaa, na ɔde n’abosonhuhuo ama Yuda nso ayɛ bɔne nti,
121 Sa 3.11; Yer 19.3 sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne mereba Yerusalem ne Yuda so a obiara a ɔbɛteɛ no, n’aso mmienu mu bɛyɛ no kyeoo.
13Na mɛtwe Samaria susuhoma mu, ne Ahab fie so taahoma mu aba Yerusalem so, na mɛpepa Yerusalem mu sɛdeɛ wɔpepa ayowa mu, wɔpepa na wɔdane butuo;
14na mɛpo m’agyapadeɛ nkaeɛ no, na mede wɔn ahyɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔayɛ fonam ne fomfa adeɛ ama wɔn atamfoɔ nyinaa,
15ɛfiri sɛ wɔayɛ m’ani so bɔne na wɔahuru me bo firi da a wɔn agyanom firii Misraim baeɛ de bɛsi nnɛ.
16 2 Ah 24.4 Afei nso, mogya a ɛdi bem nso Manase kaa pii pa ara gui kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem ma firi ano kɔpem ano, ɛsono ne bɔne a ɔmaa Yuda yɛeɛ, sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ AWURADE ani soɔ no.
17Na Manase ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne bɔne a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.
18Na Manase tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no ne fie turo a ɛne Usa turo no mu; na ne ba Amon bɛdii n’adeɛ.
Amon di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 33.21-25)19Amon bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu mmienu, na ɔdii hene mfeɛ mmienu Yerusalem. Na ne na din de Mesulemet a ɔyɛ Harus a ɔfiri Yotba ba.
20Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agya Manase yɛeɛ no,
21na ɔnantee ɔkwan a n’agya nantee mu no nyinaa mu, na ɔsom abosonhuhuo a n’agya someeɛ no, na ɔsɔree wɔn;
22na ɔgyaa AWURADE n’agyanom Nyankopɔn, na wannante AWURADE kwan mu.
232 Ah 14.19 Na Amon nkoa pam ne tiri so, na wɔkumm ɔhene no wɔ ne fie.
24Na asase no sofoɔ no kunkumm wɔn a wɔpamm Ɔhene Amon tiri soɔ no nyinaa, na asase no sofoɔ no de ne ba Yosia sii hene n’ananmu.
25Na Amon ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ no, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?
262 Ah 21.18 Na wɔsiee no ne da mu, Usa turom, na ne ba Yosia bɛdii n’adeɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.