1 Ogufoɔ ho bɛ no asekyerɛ
9Na n’asuafoɔ no bisaa no sɛ: Ɛbɛ yi ase ne sɛn?
10
na wɔahunu, na wɔanhunu mu,
na wɔate, nanso wɔante aseɛ.
11 Kanea adwuma(Marko 4.21-25)
16 Yesu abusuafoɔ(Mateo 12.46-50; Marko 3.31-35)
19Na ne na ne ne nuanom baa ne nkyɛn, na nkyeresoɔ no nti wɔantumi ammɛn no.
20Na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo na ne wo nuanom gyina mfikyire pɛ sɛ wɔhu woɔ.
21Na ɔbua see wɔn sɛ: Me na ne me nuanom ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ.
Ahum asebrɛ(Mateo 8.18; 8.23-27; Marko 4.35-41)22Na ɛbaa sɛ da bi ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma yɛntwa nkɔ ɔtadeɛ no agya nohoa. Na wɔhare kɔe.
23Na wɔrekorɔ no, ɔdae. Na mframa kɛseɛ bi bɔɔ huu baa ɔtadeɛ no so, na nsuo bu faa wɔn so, na wɔwɔ amanehunu mu.
24Na wɔbaa ne nkyɛn bɛnyanee no sɛ: Owura, owura, yɛreyera! Na ɔsɔre teateaa mframa ne nsuo no aworɔ no; na ɛgyae yɛɛ dinn.
25Na ɔsee wɔn sɛ: Mo gyidie wɔ he? Na wɔsuroe, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔsesee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na ɔhyɛ mframa ne nsuo mpo na ɛtie no yi?
Ahonhommɔne tuo(Mateo 8.28-34; Marko 5.1-20)26Na wɔkɔduruu Gerasefoɔ asase a ɛwɔ Galilea ntentensoɔ so.
27Na ɔsii fam no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ ne mu dadaada, a ɔfiri kuro no mu bɛhyiaa no, ɔnhyɛ atadeɛ, na ɔnte ɛdan biara mu, na mmom aboda mu na ɔte wɔ asieeɛ.
28Na ɔhunuu Yesu no, ɔteaa mu denden hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nha me!
29Ɛfiri sɛ waka akyerɛ honhom fi no sɛ ɔmfiri onipa no mu; (na daa na ɛkye no a, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ gu no wɛn no, na ɔtete deɛ wɔde akyekyere no no mu. Na honhommɔne no pamm no kɔɔ anwea pradada so.)
30Na Yesu bisaa no sɛ: Wo din de sɛn? Na ɔse: Ɛdɔm, ɛfiri sɛ ahonhommɔne pii akɔ ne mu.
31Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔnnkɔ bunu no mu.
32Na mprakokuo kɛseɛ bi wɔ hɔ a wɔredidi wɔ bepɔ no soɔ; na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔn kwan na wɔnkɔ wɔn mu. Na ɔmaa wɔn kwan.
33Na ahonhommɔne no firii onipa no mu kɔɔ mprako no mu, na ekuo no bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu ɔtadeɛ no mu, na wɔmemee.
34Na wɔn a wɔhwɛ wɔn soɔ no hunuu deɛ asie no, wɔdwanee, na wɔkɔkaa no kuro no ne nkuraaseɛ mu.
35Na wɔfirii adi bɛhwɛɛ deɛ asie; na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔbɛhunuu onipa a ahonhommɔne firii ne mu kɔeɛ no sɛ ɔte Yesu nan ase fira ntoma a n’adwene mu ateɛ; na wɔsuroe.
36Na wɔn nso a wɔhunuiɛ no kaa sɛdeɛ ɛyɛeɛ na deɛ ɔwɔ ahonhommɔne no ho sanee no.
37Na Gerasefoɔ asase a atwa ahyia no so nkurɔfoɔ nyinaa srɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, ɛfiri sɛ na ehu kɛseɛ aka wɔn. Na ɔsii kodoɔ mu sane kɔe.
38Na ɔbarima no a ahonhommɔne firii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn. Nanso Yesu gyaa no kwan sɛ:
39Sane kɔ wo fie, na kɔka ade kɛseɛ a Onyankopɔn ayɛ ama woɔ yi kyerɛ! Na ɔkɔ kɔkaa ade kɛseɛ a Yesu ayɛ ama no no kuro no mu nyinaa.
Yairo babaa(Mateo 9.18-26; Marko 5.21-43)40Na Yesu sane baeɛ no, nkurɔfokuo no gyee no; ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa retwɛn no.
41Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a ɔyɛ hyiadan mu panin bae, na ɔbɛhwee Yesu nan ase srɛɛ no sɛ ɔmmra ne fie;
42na ɔwɔ ɔbabaa korɔ a wadi bɛyɛ mfirinhyia dummienu, na ɔda hɔ rewu. Na ɔrekorɔ no, na nkurɔfoɔ akuakuo no kyere ne so.
Ɔbaa bi ayaresa43Na ɔbaa bi a wanya mogyaguo mfirinhyia dummienu, na obiara antumi ansa no yadeɛ
44bɛfirii n’akyi bɛkaa n’atadeɛ ano nnwo, na amonom hɔ ara ne mogyaguo no twae.
45Na Yesu kaa sɛ: Hwan na ɔkaa me? Na wɔn nyinaa resan no, Petro kaa sɛ: Owura, nkurɔfoɔ akuakuo no akyere wo so, na wɔremia wo.
46Na Yesu se: Obi aka me, na mahunu sɛ ahoɔden bi afiri me mu kɔ.
47Na ɔbaa no hunuu sɛ ada adi no, ɔde ahopopoɔ ba bɛhwee n’anim, na ɔkaa adekodeɛ a enti ɔkɔkaa no ne sɛdeɛ ne ho sanee no amonom hɔ ara no kyerɛɛ no ɔman no nyinaa anim.
48Yairo babaa wunyane
49Na ɔrekasa no, obi firi hyiadan mu panin no fie bɛkaa sɛ: Wo babaa no awu, nha kyerɛkyerɛfoɔ no!
50Na Yesu teeɛ no, ɔbuaa no sɛ: Nsuro, gye di ara, na ɔbɛnya nkwa.
51Na ɔbaa fie hɔ no, wamma obiara ankɔ mu, gye Petro, Yohane, Yakobo ne abɔfra no agya ne ne na.
52Luka 7.13 Na wɔn nyinaa resu, na wɔregyam no. Na ɔse: Monnsu! Na ɔnwui, na wada.
53Na wɔseree no, ɛfiri sɛ na wɔnim sɛ wawu.
54Na ɔsɔɔ ne nsa frɛɛ no sɛ: Abɔfra, nyane!
55Na ne honhom sane baa bio, na ɔsɔree ntɛmntɛm; na ɔhyɛɛ sɛ wɔmma no biribi nni.
56Luka 5.14; Mar 7.36 Na ɛyɛɛ n’awofoɔ ahodwiri; na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka deɛ asie yi nnkyerɛ obiara.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.