1Ɔbaa nyansafoɔ si ne dan,
na ɔbaa kwasea de ne nsa dwiri.
2Deɛ ɔnante ne teeyɛ mu no suro AWURADE,
na deɛ ɔkyea n’akwan no bu no animtia.
3Ogyimifoɔ anomu na n’ahokyerɛ abaa wɔ,
na anyansafoɔ ano kora wɔn.
4Deɛ anantwie nnie hɔ no, adidideɛ nso nni hɔ,
na nnɔbaeɛ pii wɔ nantwinini ahoɔden mu.
5Ɔdanseni nokwafoɔ renni atorɔ,
na ɔdansekurumfoɔ ka atorosɛm.
6Ɔfɛdifoɔ hwehwɛ nyansa, nso ɔnnya,
na nimdeɛ nyɛ nhunumufoɔ nyana.
7Firi ɔba kwasea nkyɛn kɔ,
na worenhunu nimdeɛ ano.
8Onitefoɔ nyansa ne sɛ ɔhunu ne kwan mu,
na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.
9Agyimifoɔ asodie ho afɔdeɛ yɛ ɔkwa,
na teefoɔ mu na anisɔ wɔ.
10Akoma nim ne kra awerɛhoɔ,
na n’anigyeɛ nso, ɔhɔhoɔ mfa ne ho mfra mu.
11 Hiob 18.14; Mmb 12.7 Abɔnefoɔ fie bɛbutu,
na teefoɔ ntomadan bɛfefɛ.
12Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛtene onipa ani soɔ,
na n’awieeɛ yɛ owuo kwan.
13Sereɛ mu mpo akoma hunu yea,
na anigyeɛ no awieeɛ yɛ awerɛhoɔ.
14Akoma mu kyirisanefoɔ akwan bɛmee no,
na onipa pa nso adeɛ bɛmee no.
15Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di,
na onitefoɔ hwɛ ne nanteɛ mu yie.
16Onyansafoɔ suro, na ɔsane firi bɔne ho,
na ɔkwasea de n’ahodasoɔ fa mu.
17Deɛ ne bo nkyɛre fuo di agyimisɛm,
na onipa a ɔpam apammɔne, wɔtane no.
18 Efe 5.15 Ntetekwaa adeɛ a wɔdie ne agyimisɛm,
na anitefoɔ de nimdeɛ hyehyɛ wɔn ho.
19Abɔnefoɔ bɛbrɛ wɔn ho ase apapafoɔ anim,
na abɔnefoɔ akoto ateneneefoɔ mmoboano.
20 Mmb 19.4, 7 Ohiani deɛ, ne yɔnko mpo tane no,
na ɔdefoɔ adɔfo dɔɔso.
21 Dwom 41.1 Deɛ ɔbu ne yɔnko animtia yɛ bɔne,
na nhyira ne deɛ ɔhunu amanehunufoɔ mmɔbɔ.
22Wɔn a wɔbɔre asɛmmɔne mfom anaa?
Na adom ne nokorɛ wɔ wɔn a wɔbɔre asɛmpa.
23 Mmb 10.4 Ɔbrɛ nyinaa mu wɔ nnɔbaeɛ,
na anosɛm deɛ, ohia ara nko.
24Anyansafoɔ abotire ne wɔn ahodeɛ,
na nkwaseafoɔ deɛ, wɔn agyimisɛm yɛ agyimisɛm ara nko.
25 Mmb 12.17 Ɔdanseni nokwafoɔ gye nnipa nkwa,
na deɛ ɔdi atorɔ deɛ, ɔtwa nkontompo.
26 Mmb 18.10 AWURADE suro mu wɔ ahodasoɔ a emu yɛ den,
na ɔbɛyɛ dwanekɔbea ama ne mma.
27 Mmb 13.14 AWURADE suro yɛ nkwa nsutire,
na wɔde kwati owuo fidie.
28Ɔman dodoɔyɛ mu na ɔhene kɛseyɛ wɔ,
na nkurɔfoɔ sa a, ɛma otitire yɛ mmɔbɔ pa ara.
29 Mmb 16.32; 19.11 Deɛ n’abufuo yɛ nyaa no wɔ nteaseɛ pii,
na honhom mu katerekaterefoɔ ma agyimisɛm so.
30 Mmb 12.4 Akoma mu dwoɔ yɛ honam nkwa,
na nitan yɛ nnompe mu porɔ.
31 Mmb 17.5; 19.17 Deɛ ɔhyɛ mmɔborɔni soɔ no gu ne yɛfoɔ anim ase,
na deɛ ɔhunu ohiani mmɔbɔ no, ɔhyɛ no animuonyam.
32Wɔsum ɔbɔnefoɔ twene, ne bɔneyɛ mu,
na ɔteneneeni wɔ ne wuo mu anidasoɔ.
33Nyansa te nhunumufoɔ tiri mu,
na deɛ ɛwɔ nkwaseafoɔ mu bɛda adi.
34Tenenee nneyɛɛ ma ɔman so,
na bɔne deɛ ɛyɛ ɔman biara animguaseɛ.
35 Gye 41.38 Ɔhene ani sɔ akoa nimdefoɔ,
na ne bo fu deɛ ɔyɛ aniwudeɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.