Yesaia 33 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ɔsɛefoɔ ho duema

1Due, ɔsɛefoɔ

a wo deɛ, wɔnsɛee woɔ,

ɔfatwafoɔ

a wɔmfaa wo ntwaeɛ!

Sɛ wogyae ɔsɛeɛ no a,

wɔbɛsɛe wo,

na sɛ wonya wie ɔfatwa a,

wɔde wo bɛtwa.

2O AWURADE, dom yɛn, wo na yɛtwɛn woɔ.

Yɛ yɛn basa anɔpa biara,

aane, yɛn nkwagyeɛ wɔ ahohia berɛ mu.

3 Dwom 68.1 Hooyɛ no ano na aman dwanedwane,

woma wo ho so a, amanaman hwete.

4Na wɔtase asadeɛ sɛ osa tase adeɛ,

sɛdeɛ ntutummɛ hurihuri no, saa ara na wɔhurihuri wɔ soɔ.

5Wɔama AWURADE so, na ɔte soro tɔnn;

ɔde atemmuo ne tenenee bɛhyɛ Sion ma.

6Na ɔbɛyɛ wo berɛ mu ɔmannwoeɛ,

nkwagyeɛ, nyansa ne nimdeɛ mmorosoɔ bɛba;

AWURADE suro ne n’ademudeɛ.

7Hwɛ, wɔn abrane reteam mmorɔno so,

asomdwoeɛ abɔfoɔ resu su yayaaya;

8akwantempɔn afu,

akwantemfoɔ to atwa;

wɔabu apam no so,

wɔabu nkuro animtia,

wɔammu ɔdasani biara.

9Asase redi abooboo na akusa;

Lebanon ani awu, adwan koraa;

Saron adane sɛ anwea pradada so,

Basan ne Karmel so nhahan apo.

10AWURADE se: Afei mɛsɔre,

afei mɛma me ho so,

afei wɔbɛma me so.

11Moanyinsɛn wira dwaneɛ, morewo nkyɛnkyɛmma;

mo ahome yɛ ogya a ɛbɛhye mo.

12 Dwom 118.12 Na aman bɛyɛ sɛ akaadoo a wɔahyeɛ,

nkasɛɛnkasɛɛ a wɔatwa a wɔde agu ogya mu.

Asomdwoeɛ a ɛbɛba no

13Mo a mowɔ akyirikyiri, montie deɛ mayɛ,

na mo a mobɛn, monhunu me mmaninyɛ.

14Sion mu nnebɔneyɛfoɔ ho popo,

na ehu aka ahuhufoɔ:

Yɛn mu hwan na ɔbɛtena ogya a ɛhye adeɛ ho?

Yɛn mu hwan na ɔbɛtena daa gyadɛreɛ mu?

15 Dwom 15.2-5; 24.3-4 Deɛ ɔnam tenenee mu, na ɔka deɛ ɛtene,

deɛ ɔkyiri apempensika,

deɛ ɔtwe ne nsa na ansɔ anadwodeɛ mu,

deɛ ɔsisi n’aso na ante mogya ho asɛm,

na ɔmua n’ani na anhunu bɔne,

16ɔno na ɔbɛtena sorɔnsorɔmmea,

abotan aban bɛyɛ no dwanekɔbea,

wɔde n’aduane bɛma no, ne nsuo remmɔ no da.

17 Yes 32.1 W’ani bɛhunu ɔhene n’ahoɔfɛ mu,

ɛbɛhunu asase a ɛtrɛ tɛtrɛtɛ.

18W’akoma bɛdwene ahudeɛ no ho:

Deɛ ɔrekan no wɔ he? Deɛ ɔrekari no wɔ he?

Deɛ na ɔkan abantenten no wɔ he?

19 Deut 28.49 Worenhunu aniɛdenfoɔ,

ɔman a wɔn kasa mu dɔ a wɔnteɛ,

na wɔpɔtɔ a wɔnte aseɛ.

20Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuro no!

W’ani bɛhunu Yerusalem,

efie a ɛyɛ komm, ntomadan a ɛntwe nkorɔ

a wɔrentutu ne mpɛɛwa da biara da

na ne ntampehoma biara renteteɛ no.

21Na mmom AWURADE bɛtena hɔ ama yɛn, tumidie mu;

kuro a ɛho wɔ asuo akɛseɛ ne nsuwansuwa,

ntabono ahyɛmma biara renkɔ mu,

na ahyɛn akɛseɛ rentwam wɔ hɔ.

22Na AWURADE ne yɛn temmufoɔ, AWURADE ne yɛn mmarahyɛfoɔ,

AWURADE ne yɛn hene, ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.

23Wo ntampehoma mu ago,

ɛntumi nsosɔ ne hyɛn dua mu,

na ɛntrɛ hyɛn ntoma mu.

Ɛno na wɔbɛkyɛ asadeɛ a wɔafa no bebree mu,

mpakye mpo bɛfom adeɛ afa.

24 Sak 12.8 Na ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: Mahodwo!

Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumuyɛ bɛfiri wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help