1 Yos 15.44 Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hwɛ, Filistifoɔ ne Keila reko na wɔrefom ayuporebea fa.
2Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menkɔto nhyɛ Filistifoɔ yi so anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ na kɔto hyɛ Filistifoɔ no so, na gye Keila.
3Na Dawid mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Yuda ha mpo yɛsuro, na nkantom sɛ yɛbɛkɔ Keila akɔne Filistifoɔ dɔm ako.
4Na Dawid kɔɔ so bisaa AWURADE bio. Na AWURADE buaa no sɛ: Sɔre siane kɔ Keila, na me na mede Filistifoɔ no merehyɛ wo nsa.
51 Sa 19.8 Ɛnna Dawid ne ne nnipa no sii mu kɔɔ Keila, na ɔne Filistifoɔ no kɔkoeɛ, na ɔkaa wɔn mmoa faeɛ, na ɔkum wɔn ekumkɛseɛ, na Dawid gyee Keilafoɔ.
6 1 Sa 22.20 Na Ahimelek ba Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn Keila no, na asɔfotadeɛ no kura no, na ɔde siane kɔeɛ.
7Na wɔkɔka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid aba Keila. Na Saulo kaa sɛ: Onyankopɔn reyi no ahyɛ me nsa, na wato ne ho mu, sɛ wakɔ kuro a ano wɔ apono ne adaban mu.
8Na Saulo maa wɔhyiaa ɔman no nyinaa sɛ wɔrekɔ ɔsa na wasiane akɔ Keila akɔtua Dawid ne ne nnipa no.
91 Sa 30.7 Na Dawid hunuu sɛ Saulo rebɔ ne ho pɔ bɔne no, ɔka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ: Fa asɔfotadeɛ no bra.
10Na Dawid kaa sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn, w’akoa ate no ampa ara sɛ Saulo repɛ aba Keila, na me nti wabɛsɛe kuro no.
11Keilafoɔ de me bɛhyɛ ne nsa anaa? Saulo bɛsiane aba sɛdeɛ w’akoa teeɛ no? AWURADE, Israel Nyankopɔn, mekoto mesrɛ wo, ka kyerɛ w’akoa ɛ! Na AWURADE kaa sɛ: Ɔbɛsiane aba.
12Na Dawid kaa sɛ: Keilafoɔ bɛyi me ne me nnipa ahyɛ Saulo nsa? Na AWURADE se: Wɔbɛyi wo ama.
13Ɛnna Dawid ne ne mmarima a wɔbɛyɛ ahansia no sɔre firii Keila, na wɔkɔɔ baabiara a wɔbɛtumi akorɔ. Na wɔkɔka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid adwane afiri Keila no, ɔgyaee n’akyiridie.
141 Sa 23.19; 24.1 Na Dawid kɔtenaa ɛserɛ so bepɔ so atenaeɛ ahodoɔ no mu; na ɔtenaa bepɔ bi so Sif serɛ so. Na Saulo hwehwɛɛ no da biara; nanso Onyankopɔn amfa no anhyɛ ne nsa.
15Na Dawid hunuu sɛ Saulo afiri adi rebɛhwehwɛ no aku no. Nso na Dawid wɔ Sif serɛ so wɔ Hores.
16Ɛnna Saulo ba Yonatan sɔre kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores, na ɔhyɛɛ ne nsa den Nyankopɔn mu.
171 Sa 20.30-31; 24.20 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na m’agya Saulo nsa renka wo, na wo na wobɛdi Israel so hene, na mayɛ w’abadiakyire; na m’agya Saulo nso nim yei.
181 Sa 18.3 Na wɔn baanu pamee AWURADE anim. Na Dawid tenaa Hores, na Yonatan kɔɔ ne fie.
19 1 Sa 26.1; Dwom 54.1 Ɛnna Sififoɔ foro kɔɔ Saulo nkyɛn Gibea kɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid na ɔhunta yɛn nkyɛn wɔ atenaeɛ a ɛwɔ Hores, Hakila kokoɔ a ɛwɔ ɛserɛ pataa no anafoɔ fam no soɔ no?
20Na afei, ɔhene, siane bra sɛdeɛ wo kra hwehwɛ a ɔrehwehwɛ sɛ ɔbɛsiane no teɛ nyinaa, na yɛn deɛ ne sɛ yɛbɛyi no ahyɛ ɔhene nsa.
21Ɛnna Saulo kaa sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moahu me mmɔborɔ.
22Monkɔ nkɔhwehwɛ mu yie, na monhwɛ nhunu faako a ɔhyɛ ne onii ko a ɔhunuu no hɔ. Na mate sɛ ɔyɛ onitefoɔ sɛ.
23Na monhwɛ nhu no, faako a ɔhuntahunta no nyinaa, na sɛ ɛyɛ ampa a, monsane mmra me nkyɛn, na me ne mo nkɔ. Na sɛ ɔwɔ asase no so a, mɛtwee mapɛ no Yuda mpempem nyinaa mu.
24Na wɔsɔre dii Saulo anim kɔɔ Sif.
Na Dawid ne ne nnipa no wɔ Maon serɛ so, mpaperɛ a ɛwɔ ɛserɛ pataa no anafoɔ fam no so.
25Na Saulo ne ne nnipa kɔɔ sɛ wɔrekɔhwehwɛ no. Na wɔkɔka kyerɛɛ Dawid; na ɔsianee ɔbotan no kɔtenaa Maon serɛ so. Na Saulo teeɛ no, ɔtii Dawid baa Maon serɛ so.
26Na Saulo nam bepɔ no fa ha, na Dawid ne ne nnipa nso nam bepɔ no fa ha; na Dawid repɛ ntɛm afiri Saulo anim akorɔ no, Saulo ne ne nnipa no twaa Dawid ne ne nnipa no ho hyiae sɛ wɔrekye wɔn.
27Na ɔbɔfoɔ bi baa Saulo nkyɛn bɛkaa sɛ: Ka wo ho bra, na Filistifoɔ abɛgu asase no so.
28Enti Saulo sane firi Dawid akyi kɔ kɔhyiaa Filistifoɔ no; enti wɔfrɛ hɔ sɛ Dwaneeɛ Botan.
29Na Dawid firi hɔ foro kɔtenaa En-gedi bepɔ so atenaeɛ mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.