1 Mmb 13.1, 18 Deɛ ɔdɔ atenetene dɔ nimdeɛ,
na deɛ ɔtane animka di mmoasɛm.
2Onipa pa nya AWURADE anim anisɔ,
na onipa busuyɛfoɔ deɛ, ɔbu no fɔ.
3 Mmb 12.12 Onipa remfa abɔnefosɛm so ntim,
na ateneneefoɔ nhini rempusu.
4 Mmb 31.10-31 Ɔyepa yɛ ne kunu abotire,
na deɛ ɔka aniwusɛm te sɛ nnompe mu porɔ.
5 1 Ah 12.6-19 Teneneeni adwene tene,
na abɔnefoɔ agyinatuo deɛ ɛyɛ nkontompo.
6Abɔnefoɔ nsɛm yɛ mogyatɛ,
na teefoɔ ano bɛyi wɔn.
7 Mmb 10.25; Hiob 8.13-19 Wɔbutu abɔnefoɔ, na wɔnni hɔ,
na ateneneefoɔ fie deɛ ɛbɛgyina.
8Onipa nimdeɛ so na wɔyi no ayɛ,
na deɛ wakyea n’akoma no anim bɛgu ase.
9Deɛ wɔmmu no nanso ɔwɔ akoa no yɛ
sene deɛ ɔhyehyɛ ne ho na n’aduane bɔ no.
10 Eks 23.5 Ɔteneneeni bu n’afieboa kra,
na abɔnefoɔ ayamyɛ yɛ atirimuɔden.
11 Mmb 28.19 Deɛ ɔdɔ n’asase no didi mee,
na deɛ ɔdi nsɛnhunu akyire nni ti.
12 Mmb 12.3 Ɔbɔnefoɔ pɛ deɛ nnipa bɔne anya,
na ateneneefoɔ nhini bɛso aba.
13Ano mfomsoɔ yɛ fidie ma ɔbɔnefoɔ,
na ɔteneneeni bɛfiri ahohiahia mu.
14 Rom 2.6 Onipa anomu aba na ɔde bɛdi papa ameeɛ,
na onipa nsa ano adeɛ na wɔbɛdane ama no.
15Ogyimifoɔ kwan tene n’ani so,
na deɛ ɔtie afotuo yɛ onyansafoɔ.
16Ogyimifoɔ abohuro da adi ntɛm,
na ɔbadwemma deɛ, ɔkata aniwuo so.
17Deɛ ɔka nokorɛ no ka deɛ ɛtene,
na ɔdansekurumfoɔ deɛ, ɔtwa nkontompo.
18 Mmb 13.3 Ɛwɔ deɛ ɔworo kasa sɛ nkrantɛ nwowɔeɛ,
na onyansafoɔ tɛkyerɛma sa yadeɛ.
19Nokorɛ ano tim hɔ daa,
na tɛkyerɛma torofoɔ deɛ wɔnkyɛre koraa.
20Nnaadaa wɔ wɔn a wɔdwene bɔne akoma mu,
na asomdwoeɛ ho afotufoɔ nya anigyeɛ.
21Mmusuo biara rento ɔteneneeni,
na amaneɛ bɛhyɛ abɔnefoɔ ma.
22 Mmb 6.17 AWURADE akyiwadeɛ ne atorɔ ano,
na wɔn a wɔdi nokorɛ sɔ n’ani.
23 Mmb 29.11 Onipa niteɛfoɔ kora nimdeɛ,
na nkwaseafoɔ akoma pae agyimisɛm mu.
24 Mmb 10.4 Nsiyɛfoɔ nsa bɛdi panin,
na aniha nsa bɛyi toɔ.
25 Mmb 16.24 Onipa akoma mu awerɛhoɔ boto no,
na asɛmpa ma akoma tɔ yam.
26Ɔteneneeni kyerɛ ne yɔnko kwan,
na abɔnefoɔ kwan ma wɔfom.
27 Mmb 12.24 Onihafoɔ nsa nka ne hanam,
na nsiyɛfoɔ deɛ ɔnya onipa adeɛ a ne boɔ yɛ den.
28Tenenee kwan so na nkwa wɔ,
na kwatikwan deɛ, ɛkɔ owuo mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.