Hebrifoɔ 4 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ahome a Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no

1Saa nti, ɛnam sɛ wɔagya yɛn ne home mu kɔ ho bɔhyɛ nti, momma yɛnsuro, na mo mu biara anyɛ sɛ waka akyi.

2Na wɔaka asɛmpa nso akyerɛ yɛn sɛ wɔn ara; nanso wɔannya asɛm a wɔteeɛ no ho mfasoɔ, ɛfiri sɛ ɛne gyidie no annkɔ bɛn korɔ mu, wɔn a wɔteeɛ no mu.

3Dwom 95.11; Heb 3.11 Na yɛn a yɛagye adie no kɔ ɔhome no mu, sɛdeɛ ɔkaa sɛ:

Mekaa ntam m’abufuo mu sɛ:

Wɔrenhyɛne me home mu.

Nanso wɔfiri wiase fapemtoɔ awie nnwuma no dada.

4Gye 2.2 Na baabi waka ɛda a ɛtɔ so nson no ho asɛm sɛ: Na Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson firi ne nnwuma nyinaa mu.

5Na ɛhanom ɔka bio sɛ: Wɔrenhyɛne me home mu.

6Enti, sɛ aka sɛ ebinom bɛkɔ mu, na asoɔden nti wɔn a wɔkaa wɔn asɛmpa no kane no ankɔ mu nti,

7Dwom 95.7-8; Heb 3.7 ɔhyɛɛ da bi bio nam Dawid so kaa sɛ: “Ɛnnɛ”, ɛkyɛree saa no, ɔkaa sɛdeɛ yɛabɔ din dada no sɛ:

Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,

mommpirim mo akoma!

8 Deut 31.7; Yos 22.4 Na sɛ na Yosua ama wɔn ahome a, anka akyire yi wammɔ da foforɔ din bio.

9Ɛnneɛ na homedadie da so ara wɔ hɔ ma Nyankopɔn man.

10Adi 14.13 Na deɛ wahyɛne ne home mu no, ɔno nso home firii ne nnwuma ho, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne deɛ ho no.

11Enti momma yɛmmɔ mmɔden nhyɛne ɔhome no mu, na obi anhwe ase anyɛ asoɔden korɔ no ara ho nhwɛsoɔ.

12Yer 23.29 Na Nyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sene nkrantɛ anofanu biara, na ɛhwire mu kɔduru sɛ ɛpaepae ɔkra ne honhom, akwaa ne ekyim mu, na ɛyɛ akoma nsusuiɛ ne adwene temmufoɔ.

13Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.

Yɛn sɔfo panin Yesu

14 Heb 3.1; 6.20; 7.26; 8.1; 9.11 Enti, sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panin kɛseɛ a watwa mu ɔsoro, a ɔno ne Yesu, Nyankopɔn Ba no yi, momma yɛnsɔ yɛn gyidie asɛm a yɛgyina so ka no mu dendeenden.

15Heb 2.17 Na yɛnni ɔsɔfo panin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne.

161 Yoh 3.21; Rom 3.25 Enti momma yɛmfa nnam mmra adom ahennwa no anim, na yɛanya mmɔborɔhunu, na yɛahunu adom, na ɛberɛ a ɛsɛ mu aboa yɛn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help