1 1 Ah 5.1-16 Na Salomo bɔɔ ne tirim sɛ, ɔbɛsi efie ama AWURADE din, ne n’ahennie.
2Na Salomo kann nnesoafoɔ mpemaduɔson ne bepɔ so abopaefoɔ mpemaduɔwɔtwe ne wɔn so ahwɛfoɔ mpensa ahansia.
31 Be 14.1 Na Salomo soma maa wɔkɔɔ Tirohene Huram nkyɛn sɛ: Sɛdeɛ wo ne m’agya Dawid yɛeɛ, na wobrɛɛ no tweneduro nnua, na ɔde sii ne fie tenaa mu no,
4hwɛ, me nso merebɛsi efie mama AWURADE me Nyankopɔn din, na ayɛ kronkron ama no, na wɔahye aduhwam a ɛyɛ hwam n’anim, na wɔasiesie kyerɛ paanoo daa, na wɔabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ daa anɔpa ne anwummerɛ ne home nna ne abosome foforɔ ne AWURADE yɛn Nyankopɔn afahyɛ ase. Yei ne Israel amanneɛ de kɔsi daa.
5Dwom 86.8 Na efie a merebɛsie no so, ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn no so sene anyame nyinaa.
62 Be 6.18; 1 Ah 8.27 Na hwan mpo na ɔbɛtumi asi efie ama no? Na ɔsoro ne ɔsoro mu soro rentumi nkora no, na hwan ne me, sɛ mɛsi efie mama no, gye aduhwam a wɔhye no n’anim?
7Na afei soma ɔbarima nyansafoɔ bi brɛ me, na ɔmmɛdi sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, ntoma a ɛberedum, koogyan ne bibire mu adwini, na ɔnim nnua mu nsemayie nso, na ɔnka adwumfoɔ a wɔwɔ me nkyɛn Yuda ne Yerusalem a m’agya Dawid asiesie wɔn asie no ho.
8Nanso brɛ me ntweneduro ne pepeaa ne abako nnua firi Lebanon, na menim sɛ wo nkoa nim Lebanon nnua twa, na hwɛ, me nkoa bɛka wo nkoa ho.
9Na wɔnsiesie nnua pii pa mma me, na efie a merebɛsie no so na ɛyɛ nwanwa.
10Na hwɛ wo nkoa nnuapaefoɔ no mɛma wɔn ayuo susukoraa mpemaduonu ne atokoɔ susukoraa mpemaduonu ne nsa galɔn ɔpeha du ne ngo galɔn ɔpeha du.
11Ɛnna Tirohene Huram twerɛɛ nwoma brɛɛ Salomo sɛ: Ɔdɔ a AWURADE dɔ ne man nti na ɔde wo asi wɔn so hene.
12Na Huram kaa sɛ: Nhyira ne AWURADE Israel Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no, sɛ wama Ɔhene Dawid ɔba nyansafoɔ a ɔnim de ne nhunumu a ɔbɛsi efie ama AWURADE, ne n’ahemfie.
13Na afei masoma ɔbarima nyansafoɔ a ɔwɔ nhunumu a ɔne Huram-Abi.
14Eks 31.2-6 Ɔyɛ ɔbaa bi a ɔfiri Dan mmammaa mu ba, na n’agya yɛ Tironi. Ɔnim sika ne dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, aboɔ ne nnua, ntoma a ɛbere dum, bibire ne nwera ne koogyan mu adwinni, na ɔnim nsema ahodoɔ nyinaa nso, na ɔbɛtumi adi adwini biara a wɔbɛhwehwɛ no ne hɔ, sɛ ɔmmɛka w’anyansadwumfoɔ ne me wura Dawid w’agya no, anyansadwumfoɔ ho.
15Na afei, ayuo ne atokoɔ ne ngo ne nsa a me wura kaeɛ no, ɔmfa mmrɛ ne nkoa no.
16Na yɛn deɛ, yɛbɛbu nnua afiri Lebanon sɛdeɛ ɛhia woɔ nyinaa, na yɛde ayɛ mpuna de abrɛ wo, Yopa po so, na wo nso wode aforo akɔ Yerusalem.
Wɔfiri Asɔrefie no sie ase(1 Ahemfo 6.1-38)17Na Salomo kanee mmarima ahɔhoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no, ɔkan a n’agya kanee wɔn no akyi, na wɔhunuu wɔn sɛ wɔyɛ mpemha aduonum mmiɛnsa ne ahansia.
18Yos 9.27 Na ɔyɛɛ wɔn mu mpemaduɔson nnesoafoɔ ne bepɔ so abopaefoɔ mpemaduɔwɔtwe ne ahwɛfoɔ mpensa ahansia, sɛ wɔmma nkurɔfoɔ no nyɛ adwuma.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.