Nnwom 149 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Sion, yi AWURADE ayɛ!

1 Dwom 96.1 Monyi AWURADE ayɛ!

Monto dwom foforɔ mma AWURADE,

monka n’ayeyie ahotefoɔ asafo mu.

2 Dwom 100.3; 93.1 Ma Israel ani nnye ne yɛfoɔ ho,

ma Sion mma nni wɔn hene ho ahurisie.

3Ma wɔmfa asa nyi ne din ayɛ,

ma wɔmfa mpintin ne asankuo nto dwom mma no.

4Na AWURADE ani sɔ ne man,

ɔde nkwagyeɛ hyehyɛ ahobrɛasefoɔ.

5Ahotefoɔ hyehyɛ wɔn ho animuonyam mu,

wɔto ahosan dwom, wɔn nnaeɛ so.

6Nyankopɔn ayeyie a ɛso wɔ wɔn anomu,

na nkrantɛ anofanu hyɛ wɔn nsam,

7sɛ wɔbɛtɔ amanaman mu were,

na wɔatwe aman aso;

8sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn bɛkyekyere wɔn ahemfo,

na wɔde dadeɛ mpokyerɛ agu wɔn atitire;

9sɛ wɔde atɛn a wɔatwerɛ no bɛbu wɔn;

ɛne n’ahotefoɔ nyinaa animuonyam.

Monyi AWURADE ayɛ!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help