1 Yer 49.7-22 Obadia anisoadehunu nie.
Sei na AWURADE Nyankopɔn ka fa Edom ho:
Yɛate AWURADE anomu asɛm
sɛ wasoma abɔfoɔ ma wɔakɔ amanaman mu sɛ:
Monsɔre, momma yɛnsɔre ntia Edom ne no nkɔko.
2AWURADE ka kyerɛɛ Edom sɛ:
Hwɛ, mayɛ wo amanaman mu ketewa, wɔabu wo animtia pa ara.
3 Num 24.21 W’akoma ahantan adaadaa wo,
wo a wote ɔbotan ntokuro mu,
deɛ ɛhɔ korɔn ne w’adwa,
wose no w’akoma mu sɛ:
Hwan na ɔbɛtumi ayi me asi fam?
4Sɛ wotu kɔ soro sɛ ɔkɔdeɛ,
na sɛ wode wo pirebuo si nsoromma ntam mpo a,
ɛhɔ na mɛduru abɛfa wo afiri,
AWURADE asɛm nie.
5Sɛ awifoɔ, anaa adwotwafoɔ
ba wo so anadwo a,
sɛ wɔrewia wo mpo a,
anka wɔrennya wo ase anaa?
Sɛ obobe abatefoɔ bɛtete w’aba a,
anka wɔremma mpɛpɛ nka anaa?
6Na wo Esau deɛ, hwɛ wɔapra w’adeɛ apɛ w’ahuntadeɛ
na wɔayɛ wo dosodoso.
7Wɔn a wɔne wo wɔ apam nyinaa adaadaa wo
abɛduru ɛhyeɛ so;
wɔn a wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu adaadaa wo afa wo so;
wɔn a wɔdii w’aduane asum w’ase fidie;
nanso wonnim.
8Ɛnyɛ ɛda no,
na mɛsɛe anyansafoɔ afiri Edom
ne nhunumu afiri Esau bepɔ soɔ?
AWURADE asɛm nie.
9Teman, wo nnɔmmarima akoma bɛtu,
na wɔakum nnipa nyinaa afiri Esau bepɔ so.
Sɛnti a wɔbɛtwe Edom aso10 Yoel 3.19 Atirimuɔden a wode bɔɔ wo nua Yakob nti
na aniwuo bɛkata wo ho,
na wɔatwa wo atwene akɔsi daa.
11Ɛda a wobɛgyinaa ntentensoɔ,
ɛda a ananafoɔ faa ne dɔm nnommum kɔeɛ,
na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu
na wɔtwee Yerusalem so ntonto no,
ɛno mu na wo nso woyɛɛ sɛ wɔn mu baako.
12 Dwom 137.7 Nanso ɛnsɛ sɛ anka wode anigyeɛ hwɛ wo nua,
ɛda a abuo buu no no;
ɛnsɛ sɛ anka w’ani gye Yuda mma
wɔn sɛeɛ da no ho,
ɛnsɛ sɛ anka wohyehyɛ wo ho
wɔ ahohiahia da no,
13ɛnsɛ sɛ anka wohyɛne me man kuro pono no mu,
wɔn amanehunu da no;
ɛnsɛ sɛ anka wode anigyeɛ hwɛ wɔn amanehunu,
wɔn amanehunu da no;
ɛnsɛ sɛ anka wotene wo nsa sɔ wɔn ahodeɛ mu,
wɔn amanehunu da no;
14ɛnsɛ sɛ anka wogyina nkwanta soɔ
twitwa ne mfirimufoɔ guo;
ɛnsɛ sɛ anka woyi ne nnipa a wɔaka no ma,
ahohiahia da no.
15 Yoel 1.15; Yer 50.15, 29 Na AWURADE da no abɛn, amanaman nyinaa so;
Edom sɛdeɛ woyɛeɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ woɔ,
wo nneyɛe bɛsane abɛbua w’atifi.
16 Yer 25.15 Na sɛdeɛ amanehunu boroo me man Yuda sɛ nsa wɔ me bepɔ kronkron no soɔ no,
saa ara na ɛbɛboro amanaman nyinaa daa daa,
na amanehunu no bɛmene wɔn
na w’ase ahye koraa.
AWURADE ahennie no17 Yoel 2.32; 3.17 Na Sion bepɔ so deɛ, mfirimufoɔ bɛtena hɔ,
na ayɛ kronkronbea,
na Yakob fie bɛsane afa wɔn agyapadeɛ adi so.
18 Sak 12.6 Na Yakob fie bɛyɛ ogya,
na Yosef fie ayɛ ogyaframa,
na Esau fie deɛ ɛbɛyɛ nkyɛnkyɛmma,
na wɔadɛre wɔn mu ahye wɔn
a obiara renka mma Esau fie,
ɛfiri sɛ AWURADE na waka.
19Na anafoɔ famfoɔ bɛfa Esau bepɔ adi so,
na asaseta sofoɔ bɛfa Filistifoɔ deɛ adi so,
na wɔbɛfa Efraim asase ne Samaria asase adi so,
na Benyamin afa Gilead adi so.
20Na dɔm yi a ɛyɛ Israelfoɔ deɛ no nnommum a wɔwɔ Kanaanfoɔ mu no
bɛdi asase no so de akɔsi Sarefat,
na Yerusalem nnommum a wɔwɔ Sefarad no
bɛfa Negeb nkuro no adi so.
21Na agyefoɔ bɛforo aba Sion bepɔ so
na wɔabɛdi Esau bepɔ so,
na ahennie no bɛyɛ AWURADE dea.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.