Marko 1 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Osuboni Yohane asɛnka(Mateo 3.1-12; Luka 3.1-18; Yohane 1.19-30)

1Yesu Kristo, asɛmpa no mfitiaseɛ.

2Yesu frɛ Asuafoɔ a wɔdi kan(Mateo 4.18-22; Luka 5.1-11)

16Na ɔnenam Galilea Po ho no, ɔhunuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau ɛpo no mu; ɛfiri sɛ na wɔyɛ apofofoɔ.

17Na Yesu see wɔn sɛ: Mommɛdi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifoɔ.

18Na ntɛm ara wɔgyaa wɔn asau no hɔ bɛdii n’akyi.

19Na ɔfiri hɔ kɔɔ n’anim kakra no, ɔhunuu Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane sɛ wɔn nso wɔ kodoɔ mu retetɛ wɔn asau mu.

20Na ntɛm ara ɔfrɛɛ wɔn, na wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne apaafoɔ no kodoɔ no mu bɛdii n’akyi.

Yesu tu honhom fi(Luka 4.31-37)

21Na wɔkɔduruu Kapernaum. Na homeda duruiɛ no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.

22Mat 7.28-29 Na ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiri, ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ Atwerɛfoɔ no!

23Na ɛberɛ korɔ no ara, na onipa bi wɔ wɔn hyiadan no mu a ɔwɔ honhom fi, na ɔteaa mu sɛ:

24Mar 5.7; Dwom 16.10 Ɛdeɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo nipa ban, Onyankopɔn Hoteeni no.

25Na Yesu teateaa no sɛ: Mua w’ano na firi ne mu kɔ!

26Mar 9.26 Na honhom fi no maa no senseneeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu, na ɔfirii ne mu kɔeɛ.

27Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri maa wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforɔ! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi mpo na wɔtie no.

28Na ɛhɔ ara na ne ho asɛm firi trɛ kɔɔ Galilea nsase a atwa ho ahyia nyinaa so.

Yesu sa nkurɔfoɔ pii nyarewa(Mateo 8.14-17; Luka 4.38-41)

29Na wɔfirii hyiadan no mu no, ntɛm ara na wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fie.

30Na Simon asebaa afoɛ da hɔ, na ntɛm ara wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ no.

31Na Yesu ba bɛsɔɔ ne nsa maa no so, na foɛ no gyaee, na ɔfirii aseɛ somm wɔn.

32Na ɛduruu anwummerɛ a owia kɔtɔeɛ no, wɔde wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no.

33Na kuro mu no nyinaa bɛkyeree so ɛpono no ano.

34Luka 4.41; Aso 16.17-18 Na ɔsaa nnipa bebree a wɔyare nyarewa ahodoɔ pii yadeɛ, na ɔtuu ahonhommɔne pii; na wamma ahonhommɔne no kwan sɛ wɔnkasa, ɛfiri sɛ na wɔnim no.

Yesu asɛnka wɔ Galilea(Luka 4.42-44)

35Na ɔsɔree ahemadakye firii adi, na ɔkɔɔ ɛserɛ so baabi kɔbɔɔ mpaeɛ wɔ hɔ.

36Na Simon ne wɔn a wɔka ne ho no tii no;

37na wɔhunuu no no, wɔsee no sɛ: Nnipa nyinaa rehwehwɛ wo.

38Na ɔsee wɔn sɛ: Momma yɛnkɔ nkuro a ɛdeda hɔ no mu, na menkɔka asɛmpa no ɛhɔ nso; na yei nti na mebaeɛ.

39Na ɔkɔ kɔkaa asɛm no wɔ wɔn hyia adan mu wɔ Galilea nyinaa, na ɔtuu ahonhommɔne.

Ɔkwatani bi ayaresa(Mateo 8.2-4; Luka 5.12-16)

40Na ɔkwatani bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no, na ɔkotoo no, see no sɛ: Sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.

41Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔtenee ne nsa kaa no, na ɔsee no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi.

42Na ntɛm ara, kwata no firii ne ho, na ne ho firiiɛ.

43Mar 3.12; 7.36 Na Yesu baraa no dendeenden, na ɔmaa no firii adi ntɛm ara.

44Lew 14.2-32 Na ɔsee no sɛ: Hwɛ, nka asɛm biara nkyerɛ obiara, na kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na w’ahofire nti, kɔma deɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn!

45Na ɔno deɛ, ɔfirii adie no, ɔfitii aseɛ kekaa no pii, na ɔmaa asɛm no trɛe, ɛno nti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biara mu bio; na mmom ɔtenaa ɛserɛ so hɔnom baabi, na wɔfiri mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help