1 Deut 24.1-4 AWURADE se: Sɛ ɔbarima bi gyae ne yere,
na ɔfiri ne nkyɛn
kɔyɛ ɔbarima foforɔ bi deɛ a,
ɔbarima no bɛsane akɔ ne nkyɛn bio anaa?
Anka ɛnyɛ efi na ɛbɛka asase no anaa?
Na wo deɛ, wo ne adɔfoɔ bebree abɔ adwaman deɛ,
nanso wobɛsane aba me nkyɛn anaa?
AWURADE asɛm nie.
2Ma w’ani so kyerɛ nkokoɔ pataa so, na hwɛ!
Ɛhe na wonguu wo ho fi?
Akwankyɛn na wote twɛn wɔn,
sɛ ɛserɛ so Arabni,
na wode w’adwamammɔ ne wo nnebɔne
agu asase no ho fi.
3Enti asusɔ atwa
na bereamporɔsuo ntɔ.
Nanso w’anim te sɛ ɔbaa dwamamfoɔ deɛ ara
na wonnim aniwuo.
4Afei deɛ womfrɛɛ me sɛ:
M’agya, me mmabaaberɛ mu adamfoɔ ne wo.
5Ɔde bɛhyɛ ne yam akɔsi daa anaa?
Ɔbɛfa abufuo akɔsi aseɛ?
Hwɛ, woka no saa deɛ,
nanso woayɛ nnebɔne a wobɛtumi nyinaa.
6 Yer 2.20 Na AWURADE ka kyerɛɛ me Ɔhene Yosia berɛ so sɛ: Woahunu deɛ ɔkobɔfoɔ Israel ayɛ yi? Wakɔ bepɔ biara a ɛkorɔn so ne dua biara a ayɛ frɔmm ase akɔbɔ adwaman wɔ hɔ.
7Na mese, ɔyɛ yeinom nyinaa wie a, ɔbɛsane aba me nkyɛn, nanso wansane, na ne nuabaa sansani Yuda hunui.
82 Ah 17.18-19; Hes 23.2-11 Ɔhunuu sɛ ɔkobɔfoɔ Israel awaresɛeɛ nti na megyae no maa no awaregyaeɛ nwoma deɛ, nanso ne nuabaa sansani Yuda ansuro, na ɔno nso kɔ kɔbɔɔ adwaman.
9Na adwamammɔ a wammu no hwee nti, ɔguu asase no ho fi, na ɔne ɔboɔ ne dua too awadeɛ.
10Na yei nyinaa mu mpo ne nuabaa kɔnkɔnsani Yuda amfa n’akoma nyinaa ansane amma me nkyɛn, ɔbɛdaadaa me, AWURADE asɛm nie.
Yerusalem ne Yuda so nhyira11Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɔkobɔfoɔ Israel kra tene sene ɔkɔnkɔnsani Yuda.
12Dwom 103.8-9 Kɔ na kɔpae saa nsɛm yi kyerɛ atifi fam sɛ:
Sane w’akyi, ɔkobɔfoɔ Israel!
AWURADE asɛm nie.
Meremmuna menkyerɛ mo bio,
na ɔdomfoɔ ne me,
AWURADE asɛm nie.
Meremfa menhyɛ me yam nkɔsi daa.
13Hunu w’amumuyɛ no nko,
sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no,
na woakyini aduru ananafoɔ nkyɛn, dua biara a ɛyɛ frɔmm ase,
na me nne deɛ, moantie,
AWURADE asɛm nie.
14 Hos 2.21; Yes 6.13 Mma akyirisanfoɔ, monsane mmra,
AWURADE asɛm nie,
na mene mo wura;
na mɛfa mo, kuro biara mu, ɔbaako, na abusua biara mu, baanu,
na mede mo aba Sion.
15 Yer 23.4 Na mɛma mo ahwɛfoɔ sɛdeɛ m’akoma pɛ, na wɔde nhunumu ne nimdeɛ ayɛne mo.
16Na sɛ modɔɔso na mo ase kyene asase no so a, saa berɛ no, AWURADE asɛm nie, wɔrenka bio sɛ: AWURADE apam adaka! Na ɛremma akoma mu, na wɔrenkae, na wɔrenhwehwɛ, na wɔrenyɛ bi bio.
17Yes 2.2-4; 65.2 Ɛberɛ no mu na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ AWURADE ahennwa, na amanaman nyinaa abɛhyiam ne nkyɛn, ama AWURADE din wɔ Yerusalem, na wɔremfa asoɔden nni wɔn akoma bɔne akyi bio.
18Yes 11.11-13 Nna no mu na Yuda fie ne Israel fie bɛbom ananteɛ, na wɔafiri atifi fam asase so aba asase a mede memaa wɔn agyanom dii soɔ no so.
19 Yer 3.4 Na mese:
Mede wo bɛsi me mma mu,
na mede asase a ɛyɛ fɛ,
amanaman asafo animuonyam apɛgyadeɛ, mama wo.
Na mese: Mobɛfrɛ me sɛ: M’agya,
na morensane mfiri m’akyiri bio.
20Ampa, sɛdeɛ ɔbaa kɔnkɔnsani twa ne dɔfoɔ nkontompo no,
sɛdeɛ mo, Israel fie, moatwa me nkontompo ne no,
AWURADE asɛm nie.
21Wɔte nne bi nkokoɔ pataa so,
Israel mma su ne nkotosrɛ,
sɛ wɔakonton wɔn kwan,
wɔn werɛ afiri AWURADE wɔn Nyankopɔn no.
22 Hos 6.1 Monsane mo akyi, mma akyirisanfoɔ,
mɛyɛ mo akyirisan no aduro.
Hwɛ, yɛn nie, yɛreba wo nkyɛn,
na wone AWURADE yɛn Nyankopɔn.
23Ampa ara, nkokoɔ ne mmepɔ
so hooyɛ yɛ ɔkwa.
Ampa ara, AWURADE yɛn Nyankopɔn mu
na Israel nkwagyeɛ wɔ.
24Na aniwudeɛ no amene deɛ yɛn agyanom brɛɛ ho no firi yɛn mmabunu berɛ: Wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa.
25Momma yɛnneda yɛn aniwuo mu, na yɛn ahohora nkata yɛn so, sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne, yɛne yɛn agyanom firi yɛn mmɔfraase de abɛduru nnɛ da yi, na yɛantie AWURADE yɛn Nyankopɔn nne.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.