1Na Ɔhene Dario afe a ɛtɔ so nnan mu no, AWURADE asɛm baa Sakaria nkyɛn, bosome a ɛtɔ so nkron a ɛne Kislew no da a ɛtɔ so nnan.
2Na Betelfoɔ somaa Sareser ne Regem-Melek ne ne nnipa baa sɛ wɔmmɛkoto nsrɛ AWURADE anim,
3Sak 8.19; Yer 52.12 na wɔmmisa asafo AWURADE fie asɔfoɔ ne adiyifoɔ no sɛ: Mensu bosome a ɛtɔ so nnum no so, na menkyere kɔm, sɛdeɛ meyɛɛ no mfeɛ dodoɔ a ɛte sɛɛ yi anaa?
4Ɛnna asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
5Sak 8.19; Yes 58.5 Bisa asase no so nyinaa ne asɔfoɔ no sɛ: Mokyenee kɔm na modii abooboo, bosome a ɛtɔ so nnum ne deɛ ɛtɔ so nson so, mfeɛ aduɔson yi no, akɔnkyene yi, moyɛ maa me anaa?
6Nanso sɛ modidi na monom nso a, ɛnyɛ mo ara na modidie na monom anaa?
7Ɛnyɛ nsɛm yi na AWURADE nam akane adiyifoɔ so maa wɔpaeeɛ, berɛ a Yerusalem da so wɔ hɔ a na wɔte mu na emu dwoɔ, na ne nkuro atwa ho ahyia, na wɔtete Negeb ne mpaperɛ soɔ no anaa?
Deɛ Onyankopɔn hwehwɛ firi teteete8Na AWURADE asɛm baa Sakaria nkyɛn sɛ:
9Mika 6.8 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Mommu nokwatɛn, na onipa ne ne nua nni no adɔeɛ ne mmɔborɔhunu so.
10Eks 22.21-22 Na monnhyɛ okunafoɔ ne awisiaa, ɔhɔhoɔ ne ɔmanehunufoɔ so, na obiara nnnwene ne nua ho bɔne n’akomam.
11Nanso wɔampene sɛ wɔtie, na wɔwosoo wɔn mmati, na wɔsoroo wɔn aso na wɔante.
12Yes 48.4 Na wɔyɛɛ wɔn akoma sɛ ahwehwɛboɔ, na wɔantie mmara ne nsɛm a asafo AWURADE nam ne honhom so maa akane adiyifoɔ no bɛkaeɛ no, na ɛmaa abufuhyeɛ kɛseɛ firi asafo AWURADE nkyɛn baeɛ no.
13Na sɛdeɛ me frɛeɛ na wɔantie no, saa nso na wɔbɛfrɛ na merentie, asafo AWURADE na ɔseɛ.
14Na me de ahum bɛfa wɔn akɔ amanaman a wɔnni wɔn nyinaa mu, na wɔn akyiri asase no adane afo, na obi ara amfa so ankɔ ansane amma, na wɔama asase fɛfɛ no adane afo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
