Yohane 6 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nnipa mpemnum aduanema(Mateo 14.13-21; Marko 6.32-44; Luka 9.10-17)

1Yeinom akyiri no, Yesu sii mu kɔɔ Galilea po a ɛne Tiberia po no agya.

2Na nkurɔfokuo kɛseɛ dii n’akyi, ɛfiri sɛ na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ no wɔn a wɔyareɛ ho.

3Na Yesu kɔɔ bepɔ no so, na ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa hɔ.

4

30

41Ɛnna Yudafoɔ no nwiinwii ne ho sɛ waka sɛ: Mene paanoo a ɛsiane firii soro no,

42

47

52Ɛnna Yudafoɔ no yɛɛ akasakasa wɔn mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na oyi bɛtumi de ne honam ama yɛn na yɛadie?

53Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Sɛ moanni Onipa Ba no honam, na moannom ne mogya a, monni nkwa mo mu.

54Deɛ ɔdi me honam na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.

55Na me honam yɛ aduane ampa, na me mogya yɛ anonneɛ ampa.

56Yoh 15.4; 1 Yoh 3.24 Deɛ ɔdi me honam na ɔnom me mogya no tena me mu, na me nso metena ne mu.

57Sɛdeɛ Agya a ɔte aseɛ no somaa me na Agya no nti mete aseɛ no, saa ara nso na deɛ ɔdi me honam no nso, me nti ɔbɛtena aseɛ.

58Yei ne paanoo a ɛfiri soro siane baeɛ no, ɛnte sɛ deɛ mo agyanom diiɛ, na wɔwuwuiɛ no; deɛ ɔdi paanoo yi bɛtena ase daa.

59Ɔrekyerɛkyerɛ Kapernaum hyiadan mu no na ɔkaa yeinom.

Asuafoɔ bi akyirisan

60Enti n’asuafoɔ no mu pii teeɛ no, wɔkaa sɛ: Asɛm yi yɛ den, hwan na ɔbɛtumi atie?

61Na Yesu tee nka wɔ ne mu sɛ n’asuafoɔ renwiinwii yei ho no, ɔsee wɔn sɛ: Yei to mo suntidua anaa?

623.13 Na afei, sɛ mohunu Onipa Ba no sɛ ɔrekɔ soro, faako a ɔwɔ kane no nso ɛ?

632 Ko 3.6 Honhom ne deɛ ɛma nkwa, ɔhonam deɛ, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.

64Yoh 13.11 Na mo mu binom wɔ hɔ a wɔnnye nnie. Na Yesu nim wɔn a wɔnnye nnie no firi mfitiaseɛ, ne deɛ ɔbɛyi no ama no.

65Yoh 6.44 Na ɔkaa sɛ: Yei nti na maka makyerɛ mo sɛ: Obiara ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ Agya no de ama no ansa.

66Ɛfiri ɛno soɔ no, n’asuafoɔ mu pii sanee wɔn akyiri, na wɔne no annante bio.

Petro paemuka

67Ɛnna Yesu see dummienu no sɛ: Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa?

68Yoh 6.63 Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkorɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm;

69Yoh 1.50; 11.27; Mat 16.16 na yɛagye adi, na yɛahunu sɛ wone Nyankopɔn Kronkronni no.

70Yesu buaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mayi mo dummienu yi anaa? Nso mo mu baako yɛ ɔbonsam!

71Ɔne Yuda Iskariot, Simon ba; na ɔno na ɔrebɛyi no ama, nso ɔyɛ dummienu no mu baako.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help